bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Ezekiel 28
Ezekiel 28
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 29 →
1
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2
“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se, “Meyɛ onyame; mete onyame bi ahengua so wɔ po mfimfini.” Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.
3
Wunim nyansa sen Daniel ana? Wunim kokoamsɛm biara ana?
4
Wonam wo nyansa ne nhumu so anya ahode ama wo ho, woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼadekoradan mu.
5
Wonam wʼaguadi mu nyansa so ama wʼahonya adɔɔso, na wʼahonya nti woahoran wɔ wo koma mu.
6
“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa te sɛ Onyame nti,
7
mede ananafo reba abetia wo, amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara; wɔbɛtwetwe wɔn afoa wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so na wɔahwirew wʼanuonyam no.
8
Wɔde wo bɛto amoa no mu, na wubewu owu yaayaw wɔ ɛpo mfimfini.
9
Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,” wɔ wɔn a wokum wo no anim ana? Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame, wɔ wɔn a wokum wo no nsam.
10
Wubewu momonotofo wu wɔ ananafo nsam. Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”
11
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
12
“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.
13
Na anka wowɔ Eden Onyankopɔn turo no mu. Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo, hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo; wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde, wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.
14
Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub, efisɛ saa na mehyɛɛ wo. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so; wonantew ogya abo mu.
15
Na anka wʼakwan ho nni asɛm efi da a wɔbɔɔ wo no kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.
16
Wʼaguadi a mu trɛw no nti wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma na woyɛɛ bɔne. Ɛno nti mepam wo fii Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu, na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub, fii ogya abo no mu.
17
Wohyerɛn wɔ wo koma mu wʼahoɔfɛ nti na womaa wo nyansa porɔwee, wʼanuonyam no nti. Enti metow wo kyenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.
18
Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi agu wo kronkrommea ho fi ɛno nti memaa ogya fii wo mu na ɛhyew wo, na memaa wo dan nsõ wɔ fam wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
19
Aman a na wonim wo nyinaa ho adwiriw wɔn wɔ wo ho: wʼawiei ayɛ ahometew na wɔrenhu wo bio.’ ”
20
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
21
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no
22
na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “ ‘Me ne wo anya, Sidon na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu. Wubehu sɛ mene Awurade no, bere a mede asotwe aba ne so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.
23
Mɛma ɔyaredɔm aba ne so na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so. Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu, bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa. Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.
24
“ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.
25
“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.
26
Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 29 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48