bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Corinthians 2
2 Corinthians 2
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 3 →
1
Na meyɛɛ m'adwene sɛ meremfa awerɛhow memma mo nkyɛn bio.
2
Na sɛ mehow mo werɛ a, na hena na ɔma me bo tɔ me yam sɛ nea mehow ne werɛ no ara?
3
Na mekyerɛw ade koro yi ara, na sɛ minya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anhow me werɛ; efisɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛm sɛ m’anigye yɛ mo nyinaa de.
4
Na mifi komam ahohia ne ahometew pii mu mede nusu bebree mekyerɛw mo, ɛnyɛ sɛnea mo werɛ bɛhow, na mmom sɛnea mubehu ɔdɔ kɛse a mewɔ ma mo.
5
Na sɛ obi ayi awerɛhow a, ɛnyɛ me na wayi me awerɛhow, na ɔkwan bi so no — meka eyi na me kasa mu anyɛ den dodo — anyi mo nyinaa awerɛhow.
6
Ka a mo mu pii aka saa onipa no anim no dɔɔso ma no,
7
enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no.
8
Enti mitu mo fo sɛ munyi ɔdɔ adi nkyerɛ no.
9
Na eyi nti nso na mekyerɛwee, sɛ mehu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahu sɛ mo aso yɛ mmerɛw ade nyinaa mu anaa?
10
Na nea mode biribi kyɛ no no, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, nea mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ, Kristo anim,
11
na Satan anni yɛn amim; efisɛ yenim n’akwan.
12
Nanso mebaa Troa mebɛkaa Kristo asɛmpa, na wobuee ɔpon maa me Awurade mu no,
13
mannya honhom mu ahomeka, efisɛ manhu me nua Tito, enti mekraa wɔn mifii hɔ mekɔɔ Makedonia.
14
Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yedi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ hua adi mmaa nyinaa;
15
efisɛ yɛyɛ Kristo aduhuam ma Onyankopɔn, wɔn a woregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa.
16
Yɛyɛ owu hua de kɔ owu mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hua de kɔ nkwa mu ma ebinom. Na hena na ɔfata eyinom?
17
Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13