bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Corinthians 9
2 Corinthians 9
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 10 →
1
Na ɛfa ahotefo som no ho de, enhia me sɛ mekyerɛw mo;
2
efisɛ minim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafo, sɛ Akaiafo siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree.
3
Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ ɔkwa, na sɛnea mekae no, moasiesie mo ho,
4
na sɛ Makedoniafo bi ne me ba na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn po yɛn ani bewu — nyɛ menne mo mmom sɛ yɛde yɛn ho too mo so.
5
Enti medwen sɛ ehia sɛ mitu anuanom no fo sɛ wonni yɛn kan mmra mo nkyɛn, na wommesiesie mo nhyira a mahyɛ ase masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibere.
6
Na eyi de, nea odua no nkyekye mu no betwa no nkyekye mu, na nea odua no bafuu so no betwa no bafuu.
7
Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.
8
Na Onyankopɔn betumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na ade nyinaa mu ne daa nyinaa moanya nea ɛdɔɔ mo so nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu,
9
sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔto pete, ɔde ma ahiafo, ne trenee no wɔ hɔ daa.
10
Na nea ɔde aba ma ogufo na ɔma abodoo sɛ aduan no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba no ase adɔre.
11
Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamye nyinaa a ɛnam yɛn so ma Onyankopɔn nya aseda.
12
Efisɛ ɔsom yi ho adwuma de, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ nea ehia ahotefo no nko ara, na mmom ɛnam aseda beberee a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so.
13
Na wɔnam mo som a wohu yi so, bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamye a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu,
14
na wɔn ara nso bɛbɔ mpae ama mo, na Onyankopɔn adom a aboro so agu mo so no nti, wɔn ani begyina mo.
15
Na aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no ho.
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 10 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13