bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Kings 15
2 Kings 15
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 16 →
1
Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu ason so na Yuda hene Amasia ba Asaria bedii hene.
2
Obedii hene no, na wadi mfe dunsia, na odii hene mfirihyia aduonum abien Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ofi Yerusalem.
3
Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Amasia yɛe no nyinaa;
4
gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyi; ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so.
5
Na AWURADE bɔɔ ɔhene no ma ɔyaree kwata de kosii ne wuda; na ɔkɔtenaa ofi foforo a ne nkutoo te mu, na ɔhene ba Yotam na odii ofi no so na ɔyɛɛ ɔkannifo wɔ asase no so.
6
Na Asaria ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?
7
Na Asaria wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Yotam bedii n’ade.
8
Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduasa awotwe so na Yeroboam ba Sakaria bedii Israel so hene Samaria, asram asia.
9
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛnea n’agyanom yɛe no; wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.
10
Na Yabes ba Salum bɔɔ ne ho pɔw, na ɔbɔɔ no ɔman no anim kum no, na obedii n’ade.
11
Na Sakaria ho nsɛm nkae no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.
12
Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awo ntoatoaso a ɛto so anan mu mma bɛtena Israel agua so. Na ɛbae sa.
13
Yabes ba Salum bedii hene, Yuda hene Usia afe a ɛto so aduasa akron mu; na odii hene ɔsram wɔ Samaria.
14
Na Gadi ba Menahem fii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum Samaria kum no, na obedii n’ade.
15
Na Salum ho nsɛm nkae ne n’apam a ɔpamee no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.
16
Ɛbere no mu no, Menahem fii Tirsa kɔsɛee Tifsa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, efisɛ wɔanhiɛ no nti, okum wɔn, na ɔpaapaee emu apemfo nyinaa mu.
17
Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduasa akron mu na Gadi ba Menahem bedii Israel so hene mfe du Samaria.
18
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa.
19
Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu.
20
Na Menahem gyigyee Israel hɔ tow, mmarima a wobetumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbona aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asaria hene. Ɛnna Asaria hene no sanee, na wannyina asase no so hɔ.
21
Na Menahem ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?
22
Na Menahem wui, na ne ba Pekahia bedii n’ade.
23
Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bedii Israel so hene Samaria mfe abien.
24
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.
25
Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfi aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfo mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na okum no, na obedii n’ade.
26
Na Pekahia ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.
27
Yuda hene Asaria afe a ɛto so aduonu abien mu na Remalia ba Peka bedii Israel so hene Samaria mfe aduonu.
28
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.
29
Israel hene Peka bere so na Asaria hene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon ne Abel-bet-maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na otuu wɔn kɔɔ Asiria.
30
Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kum no, na obedii n’ade Usia ba Yotam afe a ɛto so aduonu mu.
31
Na Peka ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛɛ nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.
32
Israel hene Remalia ba Peka afe a ɛto so abien mu na Yuda hene Usia ba Yotam bedii hene.
33
Obedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na mfirihyia dunsia na odii hene Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babea.
34
Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛɛ nyinaa na ɔyɛe;
35
gye sorɔnsorɔmmea na wɔanyi, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so. Ɔno na osii AWURADE fi pon a ɛkorɔn no.
36
Na Yotam ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?
37
Nna no mu na AWURADE fii ase somaa Siria hene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda so.
38
Na Yotam wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kurow mu, na ne ba Ahas bedii n’ade.
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 16 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25