bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Kings 24
2 Kings 24
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 25 →
1
Yehoiakim bere so na Babel hene Nebukadnesar tu bae, na Yehoiakim yɛɛ n’akoa mfe abiɛsa; na ɔdan tew Nebukadnesar so atua.
2
Na AWURADE somaa Kaldeafo asafo ne Siriafo asafo ne Moabfo asafo ne Amonfo asafo baa no so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛ AWURADE nam ne nkoa adiyifo so kae no.
3
AWURADE anom asɛm nko so na eyi nam baa Yuda so, sɛ obeyi wɔn afi n’anim, Manase bɔne nti, sɛ nea ɔyɛe no nyinaa,
4
ne mogya a edi bem nso a ɔka gui na ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde firi.
5
Na Yehoiakim ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?
6
Na Yehoiakim wui, na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.
7
Na Misraim hene ankɔ so amfi n’asase so amma bio, efisɛ Babel hene agye nea ɛyɛ Misraim hene dea nyinaa fi Misraim subon ano kosi asubɔnten Eufrate ho.
8
Yehoiakin bedii hene no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem. Na ne na din de Nehusta, Elnatan a ofi Yerusalem babea.
9
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ n’agyanom yɛe no ara.
10
Ɛbere no mu na Babel hene Nebukadnesar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔkaa kurow no hyɛɛ mu.
11
Na Babel hene Nebukadnesar baa kurow no so, nso na ne nkoa aka no ahyɛ mu.
12
Ɛnna Yuda hene Yehoiakin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma ne n’apiafo; na Babel hene faa no, n’ahenni afe a ɛto so awotwe no mu.
13
Na ɔkɔfaa AWURADE fi akorade nyinaa ne ahemfi akorade fii hɔ kɔe, na otwitwaa sika nneɛma a Israel hene Solomon yɛe AWURADE aban mu no ho sika, sɛnea AWURADE kae no.
14
Na otuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wobetumi nyinaa kɔe, nnipa ɔpedu na wɔde wɔn kɔe, ne adwumfo ne atomfo nyinaa, wɔannyaw obi, gye asase no so nkurɔfo ahiafo nko.
15
Na otuu Yehoiakin kɔɔ Babel; na ɔhene ne na ne ɔhene yerenom ne n’apiafo ne asase no so atumfo, otuu wɔn fii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,
16
ne mmarima akofo nyinaa, mpemnson, ne adwumfo ne atomfo apem, wɔn nyinaa mmarima a wotumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.
17
Na Babel hene hyɛɛ n’agya ne nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsakraa ne din too no Sedekia.
18
Sedekia bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu biako, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna babea.
19
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛe no ara.
20
Na ɛnam AWURADE abufuw so na otuu, Yerusalem ne Yuda, fii n’anim gui. Na Sedekia tew Babel hene anim atua.
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 25 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
Recommended Reading
Commentary
2 Kings Commentaries
→
Devotional
2 Kings Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→