bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Hebrews 3
Hebrews 3
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 4 →
1
Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu
2
a odi nea ɔde no sii hɔ no nokware, sɛnea Mose nso dii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware no.
3
Na oyi de, wɔabu no sɛ anuonyam bebree sɛ no, sen Mose, te sɛ nea osi ofi wɔ nidi bebree sen ofi no.
4
(Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.)
5
Na Mose de, odii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware sɛ ɔsomfo, sɛ obedi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanse.
6
Na Kristo de, odi ne fi so sɛ ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi awiei.
7
Enti, sɛnea Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,
8
mummpirim mo koma, sɛ ntawntaw no mu, sɔhwɛ da no wɔ sare so hɔ,
9
nea mo agyanom gyigyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛe, na wohuu me nnwuma mfirihyia aduanan.
10
Enti saa awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Wɔfom so daa wɔ wɔn komam. Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan;
11
sɛnea mekaa ntam m’abufuw mu no: Wɔrenhyɛn me home mu da.
12
Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.
13
Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.
14
Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako
15
Sɛ wɔka sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma sɛ ahiyi no mu a,
16
na ɛhefo na wɔtee a wɔtew atua no? Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so fii Misraim nyinaa no anaa?
17
Na ɛhefo ho na ɛyɛɛ no ahi mfirihyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu sare so no anaa?
18
Na ɛhefo na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛn ne home mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no?
19
Na yehu sɛ ogye a wɔannye anni nti, wɔantumi anhyɛn n'ahomegye no mu.
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 4 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13