bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Hebrews 4
Hebrews 4
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 5 →
1
Saa nti, ɛnam sɛ wɔagyaw yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyiri.
2
Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔtee no ho mfaso, efisɛ ɛne gyidi no ankɔ bɛn koro mu, wɔn a wɔtee no mu.
3
Na yɛn a yɛagye adi kɔ ɔhome no mu, sɛnea ɔkae sɛ: Mekaa ntam m’abufuw mu sɛ: Wɔrenhyɛn me home mu. Nanso wofi wiase fapemto awie nnwuma no dedaw.
4
Na baabi waka ɛda a ɛto so ason no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛto so ason fi ne nnwuma nyinaa mu.
5
Na ɛha yi ɔka bio sɛ: Wɔrenhyɛn me home mu.
6
Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kan no ankɔ mu nti,
7
ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kae sɛ: Ɛnnɛ, ɛkyɛe saa no, ɔkae sɛnea yɛabɔ din dedaw no sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma!
8
Na sɛ Yosua ama wɔahome a, anka akyiri yi wammɔ da foforo din bio.
9
Ɛnne na homedadi aka ama Onyankopɔn man.
10
Na nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no.
11
Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛn ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden koro no ara ho nhwɛso.
12
Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.
13
Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.
14
Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn Ba no yi, momma yenso yɛn gyidi asɛm a yegyina so ka no mu dennennen.
15
Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.
16
Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu adom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13