bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Micah 1
Micah 1
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 2 →
1
AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.
2
Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.
3
Na hwɛ, AWURADE refi adi afi n’afa, na wasian abetiatia asase sorɔnsorɔmmea so.
4
Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.
5
Efi Yakob mmarato ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba, Dɛn ne Yakob mmarato? So ɛnyɛ Samaria? Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? So ɛnyɛ Yerusalem?
6
Enti mede Samaria mɛyɛ wuram abokuw wɔ aman anim ne abobe atɛwee, na mede n’abo megu obon no mu, na mayi ne nnyinaso adi.
7
Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahyew n’ayɛyɛde nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, efisɛ aguaman apɛde na ɔde aboa ano, na aguaman apɛde na ɛbɛsan akɔyɛ.
8
Eyi nti mesu na matwa adwo, mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu, metue osu sɛ sakraman, na madi nkɔmmɔ sɛ sohori.
9
Na n’apirakuru no wontumi nsa bio; na abedu Yuda, abɛso me man pon ano, adu Yerusalem.
10
Monnka no wɔ Gat, munnkosu koraa; wɔ Bet-leafra na monyantam mfutuma mu.
11
Safirfo, monsen nkɔ, wɔ adagyaw ne aniwu mu; Sanaanfo mfi adi; Bet-esel retwa adwo na obegyae w’akyi gyina;
12
na Marotfo de ahoyeraw twɛn mmere pa, efisɛ amane afi AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kurow pon ano.
13
Lakisfo, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefo; ɛyɛ Sion babea bɔne mfiase, sɛ mo mu na wohuu Israel mmaratode no.
14
Enti wɔbɛma Moreset-gat nkradi akyɛde: Aksib afi bedi Israel ahene huammɔ.
15
Maresafo, mede ɔdedifo foforo mɛbrɛ mo; Adulam na Israel anuonyamfo bedu.
16
Bɔ tikwaw na bɔ kwatrekwa, w’akorɔkorɔ mma nti, ma wo tikwaw ntrɛw sɛ opete de, efisɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ nnommum mu.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7