bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Micah 2
Micah 2
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 3 →
1
Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,
2
na wɔn ani bere mfuw, na wogye, ne afi, na wɔfofa kɔ, na wɔhyɛ ofiwura ne ne fi so ne onipa ne n’agyapade so.
3
Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen abusua yi ho bɔne a morentumi nyiyi mo kɔn mfi mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ bere bɔne.
4
Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ na wɔatwa kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakra no; wagye afi me nsam; otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no.
5
Enti worennya nea ɔde susuhama bɛto wo kyɛfa so, AWURADE asafo mu.
6
Monnka adiyisɛm! Sɛ wɔkeka nen; wɔnnka eyinom ho adiyisɛm, ahohora remma.
7
Yakob fi, so; wɔnka sɛ: So AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? So eyinom ne ne nneyɛe anaa? So ɛnyɛ yiye na me nsɛm yɛ nea ɔnam tee no anaa?
8
Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.
9
Mopam me man mu mmea fi wɔn afi afɛfɛ mu na mugye m’anuonyam fi wɔn mmotafowa hɔ koraa.
10
Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti.
11
Sɛ obi a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atoro ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne mmorosa ho adiyisɛm, a ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafo!
12
Ɔboa na mɛboa mo nyinaa ano, O Yakob, hyia na mehyia Israel nkae; mɛka wɔn mabom sɛ nguan a wɔwɔ nguanban mu, sɛ mmoakuw wɔ wɔn didibea, nnipa dodow nti, wɔbɛyɛ hoo.
13
Otwafo di wɔn anim reforo aba; wɔbɔ kirididi sen fa kurow pon mu, na wɔfa mu fi adi bio; na wɔn hene sen di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7