bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Romans 14
Romans 14
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 15 →
1
Nea ɔyɛ mmerɛw gyidi mu no, munnye no, na mmom mo ne no nham wɔ nea n’adwene kyerɛ no ho.
2
Obi gye di sɛ otumi di aduan biara bi; na nea ɔyɛ mmerɛw no de, odi ahabannuan nko ara.
3
Nea odidi no mmmu nea onnidi animtiaa, na nea onnidi no mmmu nea odidi atɛn, na Onyankopɔn agye no.
4
Hena ne wo a wubu obi fienipa atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na Awurade betumi ama no agyina.
5
Obi bu da bi sen bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi.
6
Nea odwen da bi ho no, odwen ma Awurade. Nea odidi no, odidi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na nea onnidi no, onnidi de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.
7
Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho.
8
Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yewu nso a, yewu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Awurade dea.
9
Na eyi nti na Kristo wui na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.
10
Na wo de, adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa? Na wɔde yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim.
11
Na wɔakyerɛw sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa bɛbɔ Onyankopɔn din.
12
Enti afei yɛn nyinaa bebu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.
13
Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mummu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa abew anaa hintidua bi nnto hɔ mmma ne nua.
14
Minim na migye midi Awurade Kristo mu sɛ biribiara ankasa nyɛ fi; na nea obu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.
15
Na sɛ w’aduan nti wo nua werɛ how a, ɛnne ɛnyɛ ɔdɔ so na wonantew bio. Mfa w’aduan nsɛe nea Kristo sii n’ananmu wui no.
16
Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne!
17
Na Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne Honhom Kronkron mu anigye.
18
Na nea ɔsom Kristo eyinom mu no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa bu no.
19
Enti afei momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.
20
Aduan nti nsɛe Onyankopɔn adwuma! Nneɛma nyinaa ho tew de, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa sɛ odi nea ɛto hintidua.
21
Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.
22
Wo de, wo gyidi a wowɔ no, kora so fa, Onyankopɔn anim! Nhyira ne nea ommu ne ho atɛn nea obu no sɛ eye no mu.
23
Na nea n’adwenem yɛ no naa no, sɛ odidi a, wadi fɔ; efisɛ emfi gyidi mu na odidi. Na biribiara a emfi gyidi mu no yɛ bɔne.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 15 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16