bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Romans 6
Romans 6
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 7 →
1
Enti afei yebeka dɛn? Yɛntena bɔne mu na ɔdom no nnɔɔso anaa?
2
Dabida, yɛn a yewu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu?
3
Anaasɛ munnim sɛ yɛn mu dodow a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu anaa?
4
Enti wɔnam owu mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛnea wɔnam Agya no anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, saa ara na yɛn nso nnantew nkwa foforo mu.
5
Na sɛ wɔatɛw yɛn ne no wɔ ne wu mu a, ɛnne yɛnam ne wusɔre no so ne no bɛbom afifi.
6
Na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;
7
efisɛ nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho.
8
Na sɛ yɛne Kristo awu a, yegye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso,
9
na yenim sɛ Kristo a wonyan no fii awufo mu no renwu bio; owu renni no so bio.
10
Na nea owui no, owu maa bɔne prɛko, na nea ɔte ase no, ɔte ase ma Onyankopɔn.
11
Saa ara na mo nso mummu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
12
Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ebewu no mu hene, sɛ mubetie no n’akɔnnɔ mu;
13
nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wofi awufo mu te ase, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ trenee akode.
14
Na bɔne renni mo so, efisɛ munni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.
15
Ɛnne na ɛdɛn? Yɛnyɛ bɔne, efisɛ yenni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabida.
16
Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu de oo, asoɔmmerɛw a ɛde kɔ trenee mu de oo, ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo anaa?
17
Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mufi koma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sonowonko na wɔde mo ahyɛ mu no.
18
Na moade mo ho afi bɔne ho yi, moabɛyɛ trenee nkoa.
19
Mo honam mmerɛw nti na merekasa makyerɛ mo nnipa fam. Na sɛnea mode mo honam akwaa mae, de som efi ne mmaratode de kɔɔ mmaratode mu no, saa ara na afei momfa mo honam akwaa mma mfa nsom trenee nkɔ ahotew mu.
20
Na bere a moyɛ bɔne nkoa no, na moatwe mo ho afi trenee ho.
21
Na aba bɛn na saa bere no munya fii nneɛma a afei de, mo ani wu ho no mu? Saa nneɛma no awiei ne owu.
22
Na afei woayi mo ho afi bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahotew mu na n’awiei ne daa nkwa.
23
Na bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn adom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 7 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16