bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Song of Solomon 1
Song of Solomon 1
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 2 →
1
Nnwom mu dwom a ɛyɛ Solomon de.
2
Ma ɔmfa n’ano mfewano mfew m’ano, na wo dɔ ye sen bobesa.
3
Wo sradehuam yi hua pa, ngohuam a wɔahwie ne wo din, ɛno nti na mmabaa dɔ wo no.
4
Twe me di w’akyi! Ma yɛnyɛ ntɛm. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa. Trenee so na wɔdɔ wo.
5
Yerusalem mmabea, mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ, sɛ Kedar ntamadan, sɛ Solomon mmɔɔhɔɔ.
6
Monnhwɛ me sɛ mibiri, sɛ owia ahyehye me nti; me na mma bo fuw me, wɔde me yɛɛ bobe nturo wɛmfo, me bobeturo a ɛyɛ me de no de, manwɛn.
7
Ka kyerɛ me, wo a me kra dɔ wo, ɛhe na woyɛn nguan no, ɛhe na woma wobutubutuw awiabere? Na ɛdɛn nti na menyɛ sɛ nea okyini wo mfɛfo nguankuw so?
8
Sɛ wo de, wunnim a, wo mmea mu hoɔfɛfo, fi adi fa nguan no anammɔn so, na kɔyɛn wo mmirekyi mma, nguanhwɛfo tenabea hɔnom.
9
Me pɔnkɔbere a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no na mede wo meto, m’adamfowaa.
10
W’afono yɛ fɛ, mpompranne no mu, wo kɔn nso yɛ fɛ, komuade no mu.
11
Sika nnwinne mpompranne na yɛbɛyɛ ama wo, ne dwetɛ nkoropɛe a esisi so.
12
Ɔhene wɔ n’adidipon ho no, na me sradehuam reyi ne hua.
13
Me dɔfo yɛ me kurobow kasiaw a ɛda me nufu ntam.
14
Me dɔfo yɛ me sɛ ahuahaa nhwiren kasiaw, En-gedi bobe nturo mu.
15
Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfo, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa.
16
Hwɛ, wo de, wo ho yɛ fɛ, me dɔfo, yiw, wosɔ ani, yɛn nnae nso yɛ frɔmfrɔm.
17
Yɛn adan nsɛmso yɛ kyeneduru, yɛn ntaaboo yɛ ɔpopaw.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8