bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Song of Solomon 7
Song of Solomon 7
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 8 →
1
Wo mpaboa mu anammɔn tutu yɛ fɛ dɛn ara, ɔdehye babea, w’asen ne w’ataaso te sɛ adwinni a odwumfo nsa ayɛ.
2
Wo funuma te sɛ kora kurukuruwa a mfrasa mmɔ no da, wo yafunu te sɛ awikuw bi a wɔde sukooko asisiaw ho.
3
Wo nufu abien te sɛ atweforo nta;
4
wo kɔn te sɛ asonse abantenten; w’aniwa te sɛ Hesbon atare a ɛwɔ Batrabim pon ho no; wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko fam no;
5
wo ti si wo so sɛ Karmel, wo ti nwi hwie te sɛ ntama a ɛberedum, ne mmɛsa afa ɔhene dommum.
6
Wo ho yɛ fɛ dɛn ara, na wosɔ ani dɛn ara, ɔdɔfo, anigyede horow no mu.
7
Wo kɛseyɛ yi te sɛ ɔbɛten, wo nufu te sɛ obobe kasiaw.
8
Mise, mɛforo bɛten maso ne mpopa mu, na ma wo nufu nyɛ sɛ obobe kasiaw, na wo hwenem hua nyɛ sɛ akutu,
9
na wo dodom nyɛ sɛ bobesa pa! Ɛno na ɛkɔ me dɔfo yiye, ɛma wɔn a wɔtɔ nko kasakasa.
10
Me de, meyɛ me dɔfo de, na me na n’ani gyina me.
11
Bra, me dɔfo, na yɛnkɔ petee mu, ma yɛnsoɛ nkuraa ase.
12
Ma yentua ahema nkɔ bobe nturo mu nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛw, na ne nhwiren apaepae, sɛ atea agu nhwiren anaa? Ɛhɔ na meyi me dɔ makyerɛ wo.
13
Asaa no yiyi ne hua, na aba a ɛwɔ bo nyinaa wɔ yɛn pon ano, aba afoforo ne adedaw, me dɔfo, mede masie mama wo.
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 8 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8