bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
1 Samuel 18
1 Samuel 18
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 19 →
1
Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.
2
Ɛda no ara, Saulo faa no ne no tenaeɛ, na wamma no ansane ankɔ n’agya fie.
3
Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.
4
Na Yonatan yii ne batakari a ɔhyɛ no maa Dawid ne ne ntadeɛ kɔduruu ne nkrantɛ ne ne tadua ne n’abɔsoɔ so.
5
Na Dawid firi adi kɔ baabiara a Saulo soma no na ne biribiara kɔ so; na Saulo de no sii akofoɔ so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saulo nkoa nso ani.
6
Na wɔreba a Dawid resane afiri Filistini no kum aba no, mmaa firii Israel nkuro nyinaa mu de nnwom ne asa ba bɛhyiaa Ɔhene Saulo; wɔde mpintin ne anigyeɛ ne ahinasa adeɛ.
7
Na mmaa a wɔregorɔ no gyee wɔn ho so sɛ: Saulo akum apem mu, na Dawid akum ne mpem du mu.
8
Na Saulo bo fuu kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkaa sɛ: Wɔde mpem du ama Dawid, na me deɛ, apem na wɔde ama me, na ɛdeɛn na aka no bio sɛ ahennie no?
9
Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, Saulo tuu n’ani saa Dawid.
10
Na adeɛ kyeeɛ no, Nyankopɔn honhommɔne no sii Saulo so, na ɔrekɔm efie, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo, sɛdeɛ ɔyɛ daa no; na pea kura Saulo nsam.
11
Na Saulo too pea no, na ɔse: Mɛbɔ Dawid afam ɔfasuo ho. Na Dawid danee ne ho firii n’anim mprenu.
12
Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn.
13
Enti Saulo yii no firii ne ho, na ɔsii no apem so safohene, na ɔdii ahyɛmfire, ɔman no anim.
14
Na Dawid nyaa nkɔsoɔ n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.
15
Na Saulo hunuu sɛ ne biribiara kɔ soɔ no, ɔsuroo no kɔkɔɔkɔ.
16
Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔdi wɔn anim ahyɛmfire.
17
Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.
18
Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mene hwan, na me nkwa, anaa m’agya abusua ne deɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene aseɛ?
19
Na berɛ duruiɛ a anka wɔde Saulo babaa Merab rebɛma Dawid no, wɔde no maa Meholatni Adriel awareɛ.
20
Na Saulo ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saulo no, asɛm no yɛɛ no anigyeɛ.
21
Na Saulo se: Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie, na Filistifoɔ nsa aka no. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu soɔ sɛ: Wobɛyɛ m’ase nnɛ.
22
Na Saulo hyɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Momfa aseɛ ne Dawid nkasa sɛ: Hwɛ, ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo, enti afei, bɛyɛ ɔhene ase.
23
Na Saulo nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid aso mu. Na Dawid kaa sɛ: Ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene aseɛ? Na me deɛ, meyɛ onipa hiani a m’akyiri nyɛ duro.
24
Na Saulo nkoa kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ Dawid kaeɛ nie.
25
Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.
26
Na ne nkoa kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, ɛyɛɛ Dawid fɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene aseɛ. Na nna no nnya nnuruiɛ no,
27
Dawid sɔre sii mu, ɔno ne ne mmarima, na ɔkɔkumm Filistifoɔ mmarima ahanu. Na Dawid de wɔn mmarima ano wedeɛ baeɛ, na wɔkan maa no durui de kyerɛɛ ɔhene sɛ, ɔnyɛ ɔhene ase. Na Saulo de ne ba Mikal maa no aware.
28
Na Saulo hwɛ hunuu sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saulo babaa Mikal dɔɔ no.
29
Na Saulo kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saulo tanee Dawid daa.
30
Na Filistifoɔ asafohene firii adi bɛkoeɛ; na da biara a wɔfiri adi ba no, ɛsi Dawid yie sene Saulo nkoa nyinaa. Na na wɔbɔ ne din anidie mu sɛ.
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 19 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31