bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
1 Samuel 21
1 Samuel 21
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 22 →
1
Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi?
2
Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.
3
Na afei, ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam? Ma me paanoo nnum anaa biribiara a wobɛnya.
4
Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ: Paanoo hunu biara nni me nsam, sɛ paanoo kronkron na ɛwɔ hɔ; sɛ mmeranteɛ no akora wɔn ho afiri mmaa ho nko a!
5
Na Dawid buaa see ɔsɔfoɔ no sɛ: Ampa, wɔmma mmaa mmɛn yɛn berɛ biara a yɛrekɔ akɔdi dwuma bi no; na mmeranteɛ no adeɛ ho te, na nkantom nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn adeɛ ho teɛ yi.
6
Ɛnna ɔsɔfoɔ no de akronkronneɛ no maa no, ɛfiri sɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ Kyerɛ paanoo a wɔyi firi AWURADE anim de paanoohyeɛ bɛgu hɔ da a wɔyiiɛ no.
7
Nso na Saulo nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no, a wɔato no mu AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo mmoahwɛfoɔ mu panin.
8
Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: Pea anaa nkrantɛ biara nni wo nsam ha? Na me nkrantɛ ne me nnoɔma mpo mamfa mankura, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.
9
Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Filistini Goliat a wokum no Ela bonhwa mu no nkrantɛ, hwɛ, ɛno na wɔabobɔ no ntoma mu da asɔfotadeɛ no akyire no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforɔ biara nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kaa sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!
10
Na Dawid sɔre dwanee da no Saulo anim, na ɔkɔɔ Gathene Akis nkyɛn.
11
Na Akis nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asa mu kaa sɛ: Saulo akum n’apem, na Dawid akum ne mpem du no?
12
Na Dawid de nsɛm yi siee n’akoma mu, na ɔsuroo Gat hene Akis anim sɛ.
13
Na ɔsakyeraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfoɔ wɔn nsam, na ɔwerɛwerɛɛ kuro no apono nta ho, na ɔmaa ne ntasuo sinsianee n’abɔgyesɛ mu.
14
Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, mohunu sɛ onipa yi abɔ dam, na adɛn nti na mode no abrɛ me?
15
Abɔdamfoɔ abɔ me na mode oyi aba sɛ ɔmmɛdi me so abɔdansɛm yi? Oyi mmra me fie anaa?
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 22 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31