bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
2 Chronicles 10
2 Chronicles 10
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 11 →
1
Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem, deɛ na Israelfoɔ nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.
2
Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim, (deɛ ɔfiri Ɔhene Salomo anim dwane kɔeɛ no, tee). Ɛnna Yeroboam sane firii Misraim baeɛ.
3
Na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:
4
W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom denden, ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo.
5
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdi nnansa a, monsane mmra me nkyɛn bio. Na ɔman no kɔe.
6
Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔsom no sɛ afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede makɔbua ɔman yi?
7
Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yie, na wosɔ wɔn ani, na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.
8
Na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, na ɔne mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ a wɔsom no no kɔtuu agyina,
9
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso moretuo, na yɛde akɔbua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, no?
10
Na mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn, no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene.
11
Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.
12
Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaa sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no.
13
Na ɔhene no de asɛm denden buaa wɔn, na Ɔhene Rehoboam gyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,
14
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmɔfra no tuu no foɔ no sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.
15
Na ɔhene no antie ɔman no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔdanee no saa, sɛdeɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.
16
Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Na yɛnni agyapadeɛ biara nso Yisai ba no mu. O Israel, monkɔ mo afie! Afei, Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.
17
Na Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.
18
Na Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a ɔdi adwuma toɔ soɔ no, na Israelfoɔ no sii no aboɔ maa ɔwuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔredwane akɔ Yerusalem.
19
Na Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36