bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
2 Chronicles 27
2 Chronicles 27
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 28 →
1
Yotam dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok ba.
2
Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ no ara. Nanso wanhyɛne AWURADE asɔredan no mu. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.
3
Ɔno na ɔsii AWURADE fie atifi pono no. Na Ofel fasuo no nso, ɔtoo bebree.
4
Na ɔkyekyeree nkuro nso wɔ Yuda mmepɔ so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atentene kwaeɛ mu.
5
Na ɔno ara na ɔne Amonfoɔ hene kɔkoeɛ, na ɔdii wɔn so tumi. Na Amonfoɔ no maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo kor mpemdu ne atokoɔ nso mpemdu afe no mu. Amonfoɔ no de nnoɔma bi brɛɛ no afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa mu nso.
6
Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim.
7
Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne n’akodie ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.
8
Ɔdii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem.
9
Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36