bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Deuteronomy 23
Deuteronomy 23
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 24 →
1
Deɛ wɔapɛkyɛ ne hwewa ne deɛ ne barima atwa no mmma AWURADE badwa mu.
2
Adwaman ba biara mmma AWURADE badwa mu; n’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu.
3
Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da,
4
ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti.
5
Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ ɔtie Bileam, na ɔdanee nnome no nhyira maa wo, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo.
6
Nhwehwɛ wɔn asomdwoeɛ ne wɔn papa da, wo nna nyinaa.
7
Nkyiri Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua. Nkyiri Misraimni, ɛfiri sɛ wokɔyɛɛ n’asase so hɔhoɔ.
8
Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mmra AWURADE badwa mu.
9
Sɛ wofiri kɔkyere w’atamfo so nsraban a, hwɛ wo ho yie adebɔne nyinaa ho.
10
Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho nteɛ wɔ ne ho a ɛsene anadwo no nti a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ nsraban no akyi, ɔmmma nsraban no mu.
11
Na ɛrekɔ anwummerɛ no, ɔmfa nsuo nnware, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsraban no mu.
12
Na yɛ baabi, nsraban no akyi fa, na woafiri akɔgya wo nan wɔ hɔ.
13
Na fa sofi ka wo nnoɔma ho, na sɛ wokɔgya wo nan nsraban no akyiri hɔ awie no, fa sofi no tutu fam, na kata agyanan no so.
14
Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔregye woɔ, na ɔde w’atamfo ama wɔ w’anim; enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron, na wanhunu wo mu aniwudeɛ biara, na wannane amfiri w’akyi.
15
Mfa akoa a wadwane afiri ne wura nkyɛn abɛdɔm woɔ nhyɛ ne wura nsa;
16
ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkuro mu baako a ɔbɛfa a ɛyɛ ma no mu; nhyɛ ne so.
17
Israel mmammaa mu biara nnnane odwamamfoɔ, na Israel babarima biara nnnane odwamamfoɔ.
18
Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.
19
Nnye wo nua mfɛntomu wɔ sika, aduane mfɛntomu, anaa wɔ biribiara ho.
20
Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntomu, na wo nua deɛ, nnye ne hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so.
21
Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛtua, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne.
22
Nanso woanhyɛ bɔ no koraa deɛ a, ɛnyɛ bɔne mma wo.
23
Deɛ afiri w’ano no, di so na yɛ, sɛdeɛ wofiri wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no.
24
Sɛ woduru wo yɔnko bɔbeturom a, di aba no bi sɛdeɛ wopɛ mee, na mfa bi ngu w’adeɛ mu.
25
Sɛ woduru wo yɔnko ayuo a ɛgyina hɔ mu a, fa wo nsa pempane mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko ayuo so.
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 24 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34