bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Deuteronomy 25
Deuteronomy 25
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 26 →
1
Sɛ ɔham ba nnipa mmienu ntam a, wɔmmra asɛnniiɛ, na wɔmmu wɔn atɛn, na wɔmmu ɔteneneeni bem, na wɔmmu ɔbɔnefoɔ fɔ.
2
Na sɛ ɔbɔnefoɔ no di hweɛ a, ɔtemmufoɔ no mma no nna fam, na wɔnhwe no wɔ n’anim, dodoɔ a ɛsɛ ne bɔne no.
3
Mmaa aduanan na wɔnka no, ɛntra so, na wantra so anhwe no mmaa pii ansene yei, na wo nua annane w’ani so ɔhohorani.
4
Nkata nantwie a ɔpore ayuo ano.
5
Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu baako wu na ɔnni ba a, owufoɔ no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔhoɔ; ne kunu nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ ekunu nua ayɛdeɛ mma no.
6
Na abakan a ɔbaa no bɛwo no no, wɔmfa ne nua a ɔwuiɛ no din nto no, na ne din ampepa amfiri Israel.
7
Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnneɛ ne nua yere no nkɔ kuro pono ano mpanimfoɔ nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu nua mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ me ekunu nua ayɛdeɛ.
8
Na ne kurom mpanimfoɔ no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no, na sɛ ɔgyina hɔ ka sɛ: Mempɛ sɛ meware no a,
9
ɛnneɛ ne nua yere no ntwe mpini no mpanimfoɔ no anim, na ɔnyi ɔbarima no nan ase mpaboa, na ɔnhinam n’ani so ntasuo nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔsiesie ne nua fie.
10
Na wɔmfrɛ ne fie wɔ Israel mu sɛ: Deɛ wɔayi ne nan ase mpaboa no fie.
11
Sɛ mmarima reko, obi ne ne nua, na ɔbaako yere twe pini sɛ ɔrebɛgye ne kunu afiri deɛ ɔrehwe no no nsam, na ɔbaa no tene ne nsa sɔ ne barima mu a,
12
ɛnneɛ twa ɔbaa no nsa; mma w’ani nnhu no mmɔbɔ.
13
Nnya abrammoɔ ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fotoɔ mu.
14
Nnya efa ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fie.
15
Nya abrammokwanmu a ɛtene, nya efa a ɛduro na ɛtene, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.
16
Na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, wɔn a wɔtwa nkontompo nyinaa.
17
Kae deɛ Amalek yɛɛ wo kwan soɔ berɛ a mofiri Misraim reba no,
18
sɛdeɛ ɔbɛtoaa wo ɛkwan soɔ, berɛ a woatɔ piti na woabrɛ, na ɔtwaa wɔn a aka w’akyire no nyinaa guiɛ wɔ w’akyire, na wansuro Onyankopɔn.
19
Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsa, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena soɔ no so a, pepa Amalek nkaeɛ firi asase so; mma wo werɛ mmfi.
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 26 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34