bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Hosea 11
Hosea 11
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 12 →
1
Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.
2
Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.
3
Nso me na megyegyee Efraim taataa; meturuu wɔn m’abasa so, na wɔanhunu sɛ masa wɔn yadeɛ.
4
Nnipa nhoma na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehoma nso, na meyɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔmema kɔnnua soɔ wɔ wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛɛ memaa no didii.
5
Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio, na Asiria na ɔyɛ ne hene, ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.
6
Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti afena bɛkyinkyini ne nkuro mu, na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie.
7
Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mmua me mpo.
8
Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.
9
Merenni m’abufuhyeɛ no so, merensane memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuro so.
10
Wɔbɛdi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi, ampa ara ɔbɛbobom, na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba.
11
Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo, na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie.
12
Efraim de atorɔ na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia, nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 12 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14