bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Hosea 14
Hosea 14
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
1
Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.
2
Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.
3
Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.
4
Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so.
5
Mɛdane sɛ bosuo mama Israel, ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko, na wagye nhini sɛ Lebanon.
6
Ne mman bɛdennan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hwa sɛ Lebanon.
7
Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ, na wɔafefɛ sɛ bobe a ne din ahyeta sɛ Lebanon bobesa.
8
Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm, me so na wɔbɛhunu w’aba.
9
Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14