bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Isaiah 10
Isaiah 10
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 11 →
1
Wɔnnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛdeɛ huhuo ne atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ nhyɛsoɔ ahyɛdeɛ,
2
sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa!
3
Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?
4
Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra. Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.
5
A, Asiria, m’abufuo abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!
6
Ɔman a nyamesuro nni wɔn mu mu na masoma no akorɔ, na m’abufuo man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asadeɛ na ɔnkɔfom mfa, na ɔntiatia wɔn so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.
7
Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene, na n’akoma nsusu no saa, na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.
8
Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara?
9
Kalno nte sɛ Karkemis? Na Hamat nte sɛ Arpad anaa? Na Samaria nte sɛ Damasko?
10
Sɛdeɛ me nsa kaa ahennie a wɔn abosonhuhuo no ahoni sene Yerusalem ne Samaria deɛ no,
11
ɛnyɛ sɛdeɛ meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuo no na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso?
12
Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.
13
Ɛfiri sɛ ɔse: Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ, ɛfiri sɛ mewɔ nyansa ne nteaseɛ; na matwe aman no ahyeɛ mu, na mafom wɔn akoradeɛ, na masunsum wɔn a wɔtete adwa soɔ agu, sɛ ɔbrane.
14
Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo; na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no, sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no, na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee.
15
Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so, anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so? Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no, anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so!
16
Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,
17
Na Israel hann no bɛdane ogya, na ne Kronkronni no adane gyaframa, na wadɛre ahye ne nwerɛ ne ne nkasɛɛ da koro.
18
Na ne kwaeɛ ne ne mfuo animuonyam no, ɔbɛfiri ɔkra so akɔsi honam so asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefoɔ a yadeɛ rewie no kum.
19
Na ne kwaeɛ mu nnua nkaeɛ no bɛsua a abɔfra mpo bɛtumi atwerɛ ne dodoɔ.
20
Na da no, Israel nkaeɛ ne Yakob fie adwanefoɔ no rentwere deɛ ɔhwee wɔn no bio, na wɔbɛtwere AWURADE, Israel Kronkronni no, nokorɛ mu.
21
Nkaeɛ no bɛsane aba, Yakob nkaeɛ bɛba Onyankopɔn tumfoɔ no nkyɛn.
22
Na sɛ wo man Israel dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, nkaeɛ bi nko na ɛbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ a ɛde tenenee a ɛboro soɔ bɛba.
23
Na ɔsɛeɛ pasaa a wahyɛ no pintinn no na asafo AWURADE Nyankopɔn de reba asase mu no nyinaa soɔ.
24
Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no;
25
nanso aka kakra bi na abufuhyeɛ no to atwa, na m’abufuo adane akɔdwerɛ wɔn.
26
Na asafo AWURADE bɛhim mpire atia no, sɛdeɛ ɔkum Midian, Oreb botan soɔ no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim deɛ no.
27
Na da no, n’adesoa bɛyi afiri wo mmatiri so, na ne kɔnnua afiri wo kɔn so. Na sradeɛ nti kɔnnua no bɛpae.
28
Waba Ayat afa Migron de ne nnesoa agya Mikmas;
29
wɔakɔfa mpɔtamu hɔ, wɔakɔsoɛ Geba anadwo no. Rama ho repopo, Gibea-saulo adwane.
30
Ma wo nne so team, Galim babaa! O Laisa, tie ɛ! O Anatot, bua no!
31
Madmena redwane, Gebimfoɔ redwane akɔ deɛ ɛhɔ yɛ.
32
Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob, ɔbɛwoso ne nsa agu Sion babaa bepɔ, Yerusalem kokoɔ no, so.
33
Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, de tumi a ɛyɛ hu resua dua mman kusuu so, na nnutan a ɛwowareɛ no, wɔbɛtwa agu, na deɛ ɛkorɔn no abrɛ ase;
34
na ɔde akuma bɛbu kwaeɛ mu adɔtɔ, na Lebanon ne ne nnua akɛseɛ no ahwe ase.
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66