bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Isaiah 38
Isaiah 38
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 37
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 39 →
1
Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.
2
Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:
3
Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.
4
Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ:
5
Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so,
6
na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban.
7
Na yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no:
8
Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.
9
Yudahene Hesekia nsɛm a ɔyareeɛ, na ɔnyaa ne yadeɛ mu nkwa no, ɔtwerɛɛ nie:
10
Me deɛ, mekaa sɛ: Me nna mu kommyɛ mu na merekɔ Asamando aboboano, wɔregye me nsam me mfeɛ nkaeɛ.
11
Mese: Merenhunu AWURADE bio, wɔ ateasefoɔ asase so; merenhunu nnipa bio, wɔn a wɔte wiase no mu.
12
Wɔayi me tenabea ma no afiri me ho kɔ sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan, mebobɔ me nkwa sɛ ɔtomanwomfoɔ; anka ɔrebɛtwa me afiri asadua no mu: Worewie me da koro adesaeɛ.
13
Mesui pɛɛ mmoa kɔsii anɔpa, ɔbubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesaeɛ.
14
Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn, medii abooboo sɛ aburuburo; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: O AWURADE, me ho kyere me, di ma me!
15
Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti.
16
O AWURADE, ɛno so na nnipa nam tena aseɛ, na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ, ɛnneɛ na ma me ho nsane, na ma mennya nkwa.
17
Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.
18
Na Asamando rentumi nna wo ase, na owuo rentumi nkamfo wo. Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ntwɛn wo nokorɛ;
19
ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ, sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma nhunu wo nokorɛ.
20
AWURADE bɛgye me nkwa, na yɛbɛbɔ nsankuo yɛn nkwa nna nyinaa, wɔ AWURADE fie.
21
Nso Yesaia kaa sɛ wɔmfa borɔdɔma ɛtoa ntare mpɔmpɔ no so, na ɔbɛnya ahoɔden.
22
Na Hesekia nso bisaa sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ mɛkɔ AWURADE fie?
← Chapter 37
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 53
Chapter 54
Chapter 55
Chapter 56
Chapter 57
Chapter 58
Chapter 59
Chapter 60
Chapter 61
Chapter 62
Chapter 63
Chapter 64
Chapter 65
Chapter 66
Chapter 39 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
53
54
55
56
57
58
59
60
61
62
63
64
65
66