bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Proverbs 18
Proverbs 18
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 19 →
1
Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya; na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.
2
Ɔkwasea nni nhumu ho anigye, na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.
3
Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so, na aniwu nso di animguase akyi.
4
Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ, na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.
5
Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.
6
Nkwaseafo ano de akasakasa ba, na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.
7
Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe, na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri.
8
Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
9
Nea ɔtoto nʼadwuma ase no yɛ ɔsɛefo nuabarima.
10
Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den; ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.
11
Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo.
12
Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma, na ahobrɛase di anuonyam anim.
13
Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no, ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.
14
Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare mu na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?
15
Nhumu koma nya nimdeɛ; na anyansafo aso nso hwehwɛ.
16
Akyɛde bue kwan ma nea ɔde ma na ɛde no ba atitiriw anim.
17
Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.
18
Ntontobɔ twa akyinnyegye so, na ɛpata atamfo.
19
Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi.
20
Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.
21
Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.
22
Nea wanya yere no anya ade pa na onya adom fi Awurade hɔ.
23
Ohiani srɛ ahummɔbɔ, nanso ɔdefo de kasaden bua no.
24
Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 19 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31