bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Proverbs 6
Proverbs 6
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 7 →
1
Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi, sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,
2
sɛ nea wokae ayi ka ama wo na sɛ wʼano asɛm afiri ayi wo a,
3
ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho, sɛ ɔyɔnko nsa aka wo no nti: fa ahobrɛase kɔ nʼanim; na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!
4
Mma wʼani nkum na ntɔ nko.
5
Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsam anaa sɛnea anomaa guan fi ofirisumfo afiri mu no.
6
Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hu nyansa!
7
Onni ɔsahene, onni ɔhwɛfo anaa sodifo bi,
8
nanso ɔde aduan sie wɔ ahuhurubere mu, ɔboaboa nnuan ano wɔ twabere.
9
Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn? Wubenyan bere bɛn?
10
Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔw de rehome kakra,
11
ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo na ahokyere atow akyere wo sɛnea okura otuo.
12
Onipa teta ne ohuhuni a odi atoro kyin,
13
nea obu nʼani, na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnne na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ ade,
14
nea ɔde ne koma mu nnaadaa bɔ pɔw bɔne, na ɔde mpaapaemu ba bere biara.
15
Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ; wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduru.
16
Nneɛma asia na Awurade mpɛ, nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade:
17
ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a edi bem gu,
18
koma a edwen amumɔyɛ ho, anan a etutu mmirika kɔyɛ bɔne,
19
ɔdansekurumni a odi atoro ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.
20
Me ba, tie wʼagya ahyɛde na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.
21
Fa kyekyere wo koma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu.
22
Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.
23
Na saa ahyɛde yi yɛ kanea saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛso nteɛso yi yɛ nkwa kwan,
24
ɛtwe wo fi ɔbea a onni suban pa no ho, fi ɔbeawarefo huhuni tɛkrɛmadɛ ho.
25
Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ, mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,
26
efisɛ oguamanfo ma wʼanuonyam yɛ sɛ brodosin, na obi yere gyigye wo kɔ owu mu.
27
Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so a nhyew nʼatade ana?
28
Obi betumi anantew nnyansramma so a mpumpunnya mmobɔ nʼanan ho ana?
29
Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te; obiara a ɔde ne nsa bɛka no no, remfa ne ho nni da.
30
Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaa sɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti.
31
Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason; sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a.
32
Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene; obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.
33
Ɔhwe ne animguase na obenya, na nʼahohora rempepa da.
34
Ninkutwe hwanyan okunu abufuw na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu.
35
Ɔrennye mpata biara; na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a.
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 7 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31