bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Proverbs 8
Proverbs 8
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 9 →
1
Tie: Nyansa refrɛ. Ntease ma ne nne so.
2
Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina,
3
apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho, ɛteɛ mu wɔ abobow ano hɔ se,
4
“Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ; meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa.
5
Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew; mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease.
6
Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; mibue mʼano ka nea eye.
7
Mʼano ka nea ɛyɛ nokware, efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.
8
Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ; biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.
9
Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu; ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.
10
Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa.
11
Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota, na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho.
12
“Me, nyansa, mene anitew na ɛte; nimdeɛ ne nhumu wɔ me.
13
Sɛ wosuro Awurade ɛne sɛ wokyi bɔne; mikyi ahantan ne ahomaso, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
14
Afotu ne atemmu pa wɔ me; mewɔ ntease ne tumi.
15
Me so na ahemfo nam di ade na sodifo nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;
16
Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitiriw nyinaa a wodi asase so hene.
17
Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hu me.
18
Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn, ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara.
19
Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa; nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so.
20
Trenee akwan so na menam, atɛntrenee akwan so,
21
mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan amaama.
22
“ Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔde mu abakan dii ne tete nneyɛe anim;
23
oyii me sii hɔ fi tete, ansa na wiase refi ase.
24
Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no, ansa na wɔreyɛ nsuti a nsu ahyɛ no ma no,
25
ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ; wɔwoo me ansa na nkoko reba,
26
ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuw anaa dɔte biara a ɛwɔ asase so.
27
Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro, bere a otwaa ɔhye too ebun no ani no,
28
bere a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro na ɔde ebun mu nsuti tintim hɔ dennen no;
29
bere a otwaa ɔhye maa po sɛnea nsu no rentra ne hye, ne bere a otwaa asase fapem no,
30
na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn. Anigye hyɛɛ me ma daa na midii ahurusi wɔ nʼanim bere biara,
31
na mʼani gye wɔ ne wiase nyinaa mu na mʼani ka wɔ adesamma mu.
32
“Enti me mma, muntie me; nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.
33
Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa; mummmu mo ani ngu so.
34
Nhyira ne onipa a otie me, ɔwɛn mʼabobow ano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ.
35
Na obiara a ohu me no nya nkwa, na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.
36
Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 9 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31