bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
1 Corinthians 11
1 Corinthians 11
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 12 →
1
Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.
2
Na miyi mo ayɛ sɛ mokae me ade nyinaa mu, na mukura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu.
3
Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.
4
Ɔbarima biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na wakata ne ti so no, onni ne ti ni.
5
Na ɔbea biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na ne ti so da hɔ no, onni ne ti ni; na ɛte sɛ wabɔ tikwaw.
6
Na sɛ ɔbea ankata ne ti so a, ma ɔmmɔ tikwaw nso; na sɛ ɛyɛ ɔbea aniwu sɛ otwitwa ne ti so anaasɛ oyi a, ɛnne ma ɔnkata ne ti so.
7
Na ɔbarima de, ɛnsɛ sɛ ɔkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn suban ne n’anuonyam; na ɔbea de, ɔyɛ ɔbarima anuonyam.
8
Na ɔbarima mfi ɔbea mu, na mmom ɔbea na ofi ɔbarima mu;
9
na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbea.
10
Ɛno nti na ɛsɛ ɔbea sɛ onya ne ti so tumi a ɛyɛ nkataso, abɔfo nti.
11
Nso ɔbarima nkwati ɔbea, na ɔbea nkwati ɔbarima, Awurade mu.
12
Na sɛnea ɔbea fi ɔbarima mu no, sɛ nso ɔbarima nam ɔbea so ba ne no; na ne nyinaa fi Nyankopɔn mu.
13
Mo ankasa mummu atɛn mo mu: Ɛyɛ fɛ sɛ ɔbea rebɔ mpae na ɔnkata ne ti so anaa?
14
Ɔbrasu ankasa nkyerɛ mo sɛ ɔbarima gyina ne ti kusuu a, ɛnhyɛ no anuonyam,
15
na ɔbea de, ogyina ne ti kusuu a, ɛhyɛ no anuonyam? Efisɛ wɔde nwi no ama no sɛ nkataso.
16
Na sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, yɛn de, yemmu saa bra no, na Onyankopɔn asafo horow no nso nyɛ saa.
17
Eyi a mehyɛ mo yi, minyi mo ayɛ, efisɛ munhyiam nyɛ adepa, na mmom adebɔne.
18
Na nea edi kan, muhyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na migye emu bi midi.
19
Wiɛ, etwa sɛ fekuw horow ba mo mu, na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu.
20
Enti sɛ mubehyia faako a mokɔ Awurade adidi a, ɛnyɛ ye,
21
efisɛ obiara di n’ankasa aduan ansa, na ɔkɔm de binom, na ebinom nso abobow.
22
Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ mubu Nyankopɔn asafo no animtiaa, na mogu wɔn a wonni bi no anim ase? Minse mo dɛn? Minyi mo ayɛ anaa? Eyi ho de, minyi mo ayɛ.
23
Na me de, nea minya mifii Awurade hɔ no ara ne mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo,
24
na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Eyi ne me nipadua a worebubu ama mo no; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!
25
Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!
26
Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wu no mu ka kosi sɛ ɔbɛba.
27
Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.
28
Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ, na wadi abodoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi.
29
Na nea odi na ɔnom sɛnea ɛnsɛ no, odi nom de atemmu ba n’ankasa ne ho so, efisɛ wammu nipadua no yiye.
30
Eyi nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔyareyare bebree wɔ mo mu, na bebree nso awuwu.
31
Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye a, anka wommu yɛn atɛn;
32
na sɛ wobu yɛn atɛn a, Awurade no twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ.
33
Enti, me nuanom, muhyia mu sɛ morebedidi a montwɛn mo ho mo ho!
34
Na sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi ne fie, na moammehyiam ammenya atemmu. Na nea aka no de, meba a, mabɛtoto no yiye.
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 12 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16