bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
1 Corinthians 6
1 Corinthians 6
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 7 →
1
Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, onsi ne bo de no nkɔ asɛnnii wɔn a wɔnteɛ anim, na ɔmfa no nkɔ ahotefo anim anaa?
2
Munnim sɛ ahotefo na ebebu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mubebu wiase atɛn a, ɛnsɛ mo sɛ mudi nsɛm nketewa anaa?
3
Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Na menne asetena yi mu nneɛma?
4
Na sɛ mowɔ asetena yi mu nneɛma ho nsɛm a, wɔn a wommu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ baguafo?
5
Meka eyi mehyɛ mo aniwu. Onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?
6
Adɛn na onua de onua kɔ asɛnnii wɔn a wonnye nni anim yi?
7
Mfomso anya aba mo mu sɛ mone mo ho mo ho wowɔ nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?
8
Mo mmom na mudi amim, na musisi, na mode yɛ anuanom mpo.
9
Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da
10
awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.
11
Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.
12
Mewɔ nneɛma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na eye; mewɔ ade nyinaa ho kwan, nanso memma biribi nhyɛ me so.
13
Aduan yɛ ɔyafunu dea, na ɔyafunu yɛ aduan dea, na Onyankopɔn bɛma n’abien nyinaa ayɛ ɔkwa. Na nipadua nyɛ aguamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.
14
Na Onyankopɔn anyan Awurade, na ɔnam ne tumi so benyan yɛn bi.
15
Munnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ aguaman akwaa? Ɛmpare me!
16
Anaasɛ munnim sɛ nea ɔde ne ho bɔ aguamammɔfo ho no, na ɔne no ayɛ nipadua koro anaa? Efisɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ ɔhonam koro.
17
Na nea ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom koro.
18
Munguan aguamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.
19
Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?
20
Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam mo nipadua mu.
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 7 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16