bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
1 Corinthians 8
1 Corinthians 8
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 9 →
1
Na abosom afɔrebɔde ho de, yenim sɛ, yɛn nyinaa wɔ ho nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahohoahoa, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.
2
Na sɛ ɛyɛ obi sɛ onim biribi a, onnya nhui sɛnea ɛsɛ sɛ ohu.
3
Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.
4
Na abosom afɔrebɔde di ho de, yɛn de yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee wiase, efisɛ onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara.
5
Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nneɛma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a,
6
yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.
7
Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de, abosom ho gyidi a wɔwɔ de besi nnɛ no di sɛ abosom afɔrebɔde, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛw nti, efi ka wɔn.
8
Na aduan nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yedi a, yɛbɛyɛ ma, anaasɛ yenni a, yɛbɛtɔ sin.
9
Na monhwɛ yiye, na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛw no hintidua.
10
Na sɛ obi hu wo a wowɔ nimdeɛ, no sɛ wote abosonnan mu adidii a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛw no nnya nnyinaso nkodi abosom afɔrebɔde anaa?
11
Ɛnne na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛw, a ne nti Kristo wui no bɛyera.
12
Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw no a, moreyɛ Kristo bɔne.
13
Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, ɛnne merenni ara da, na manto me nua hintidua.
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 9 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16