bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
1 Samuel 21
1 Samuel 21
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 22 →
1
Na Dawid baa Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopo behyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo nko nam na onipa bi nka wo ho yi?
2
Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi di, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhu dekode a meresoma wo ho, ne nea mahyɛ wo no ho biribi; na mmerante no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.
3
Na afei, dɛn na ɛwɔ wo nsam? Ma me abodoo anum anaa biribiara a wubenya.
4
Na ɔsɔfo no buaa Dawid sɛ: Abodoo hunu bi nni me nsam, sɛ abodoo kronkron na ɛwɔ hɔ; sɛ mmerante no akora wɔn ho afi mmea ho nko a!
5
Na Dawid bua see ɔsɔfo no sɛ: Ampa, nnansa ni a misiim yi, yennyaa ɔbea ho kwan da; ɔkwan hunu a yɛretu no mu mpo, na mmerante no ade ho tew, na menne nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ade ho tew yi.
6
Ɛnna ɔsɔfo no de akronkronne no maa no, efisɛ na abodoo bi nni hɔ sɛ kyerɛ abodoo a woyi fi AWURADE anim de abodoohyew begu hɔ da a woyii no.
7
Nso Saul nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no a wɔato no mu, AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saul mmoahwɛfo mu panyin no.
8
Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: So peaw anaa nkrante bi nni wo nsam ha? Na me nkrante ne me nneɛma po mamfa mankura, efisɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.
9
Na ɔsɔfo no kae sɛ: Filistini Goliat a wukum no Ela bon mu no nkrante, hwɛ, ɛno na wɔabobɔw no ntama mu da asɔfotade no akyi no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforo bi nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kae sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!
10
Na Dawid sɔre guanee da no fii Saul anim, na ɔkɔɔ Gat hene Akis nkyɛn.
11
Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no ni? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asaw mu kae sɛ: Saul akum n’apem, apem na Dawid akum ne ɔpedu, ɔpedu, no?
12
Na Dawid de nsɛm yi siee ne koma mu, na osuroo Gat hene Akis anim sɛ.
13
Na ɔsakraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfo wɔn nsam, na ɔnworannworan kurow no apon ho, na ɔmaa ne ntasu sensann ne bogyesɛ mu.
14
Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, muhu sɛ onipa yi abɔ dam, na ɛdɛn nti na mode no abrɛ me?
15
So abɔdamfo abɔ me na mode oyi aba sɛ ommedi me so abɔdamsɛm yi? So oyi mmra me fi anaa?
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 22 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31