bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
1 Samuel 31
1 Samuel 31
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
1
Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima guanee Filistifo anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔw so.
2
Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo no kum Saul mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua.
3
Na ɔko no den Saul, na bɛmmatofo, mmarima a wokura ta huu no, na wɔtow no, piraa no.
4
Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛwɔ me ammɛyɛ me ade angoru me atɔprɛ. Na n’akodekurafo no ampene, efisɛ osuro pii. Ɛnna Saul faa nkrante na ɔhwee so.
5
Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul awu no, ɔno nso hwee ne nkrante so saa ara, na ɔne no wui.
6
Saa na Saul ne ne mma baasa ne n’akodekurafo ne ne mmarima nyinaa nso wuwui prɛko da no ara.
7
Na Israel mmarima a wɔwɔ obon no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hui sɛ Israel mmarima aguan na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw nkurow no guanguanee, na Filistifo na bae bɛtenaa mu.
8
Na ade kyee a Filistifo bae beyiyii atɔfo ho ade no, wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so.
9
Na wotwaa ne ti, na woyii ne ho akode, na wɔsoma ma wɔde kyinii Filistifo asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfi ne ɔman no mu.
10
Na wɔde n’akode no kosiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛn Bet-san fasu ho.
11
Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul no,
12
akofo nyinaa sɔree, nam anadwo mu no nyinaa kɔfaa Saul funu ne ne mma afunu no fii Bet-san fasu no ho de baa Yabes, na wɔhyewee wɔ hɔ.
13
Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkorae ɔsantɛw dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31