bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
1 Samuel 28
1 Samuel 28
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 29 →
1
Na ɛbae sɛ bere bi akyi no, Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔretu sa ne Israel akɔko. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hu pefee sɛ wo ne me na ɛbɛkɔ ɔsa yi, wo ne wo mmarima no.
2
Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Ɛnne wubehu nea w’akoa bɛyɛ. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Enti nso mede wo mɛyɛ me ti wɛnfo nna nyinaa.
3
Nso na Samuel awu, na Israel nyinaa agyam no asie no Rama, n’ankasa ne kurom. Na Saul atu asamanfrɛfo ne asumanfo nyinaa afi asase no so.
4
Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bae bɛbɔɔ nsra Sunem. Na Saul boaboaa Israelfo nyinaa ano, na wɔbɔɔ nsra Gilboa.
5
Na Saul huu Filistifo nsra no no, osuroe, na ne koma tui papaapa.
6
Na Saul kobisaa AWURADE, nanso ɔdae mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifo anom oo, AWURADE ammua no.
7
Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea samanfrɛfo bi wɔ Endor.
8
Na Saul sakraa ne ho hyɛɛ atade foforo, na osiim kɔe, ɔno ne nnipa baanu a wɔka ne ho, na woduu ɔbea no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma nea mɛbɔ ne din makyerɛ wo no mforo mmra mma me.
9
Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wunim nea Saul ayɛ, sɛnea watwitwa asamanfrɛfo ne asumanfo afi asase yi so, na ɛdɛn nti na woresum me kra afiri ama wɔakum me yi?
10
Na Saul kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, worenni asɛm yi mu so bi.
11
Ɛnna ɔbea no kae sɛ: Hena na memma ɔmforo mmra mma wo? Na ose: Ma Samuel mforo mmra mma me.
12
Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛm, na ɔbea no ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na woadaadaa me yi? Na wone Saul.
13
Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdɛn na wuhu? Na ɔbea no se: Onyame bi na mihu sɛ ofi asase mu reforo aba.
14
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ne su te dɛn? Na ose: Akwakoraa bi a ɔhyɛ atade yuu na ɔreforo ba. Na Saul hui sɛ ɛyɛ Samuel, na ɔbɔɔ ne mu ase kotow sɔree no.
15
Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na wohaw me ma meforo mebae yi? Na Saul buae sɛ: Me ho hia me papaapa, na Filistifo ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ommua me bio, ɔmfa adiyifo so, na ɔmfa adae mu nso, enti na mafrɛ wo yi, sɛ kyerɛ me nea menyɛ.
16
Na Samuel kae sɛ: Ɛdɛn nti na wunim sɛ AWURADE apa w’akyi na wadan wo tamfo na wubisa me ade yi?
17
Na AWURADE ayɛ sɛnea ɔnam me so kae no, na AWURADE ahuam wo nsam ahenni no de akɔma wo yɔnko Dawid.
18
Esiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyew so ade Amalekfo so nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso ade nnɛ yi.
19
Na AWURADE de Israel nso ne wo bɛhyɛ Filistifo nsa: Na ɔkyena wo ne wo mma bɛba abɛka me ho, na AWURADE de Israel dɔm nso bɛhyɛ Filistifo nsa.
20
Ɛnna ntɛm ara Saul hwee ase tɔtɔtee birim, na Samuel nsɛm no nti osuroe papaapa, nso ahoɔden biara nni ne mu, efisɛ na onnidii da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa.
21
Na ɔbea no baa Saul nkyɛn, na ohuu sɛ wayɛ yoo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’afenaa atie wo, na mede me kra mato me nsam, na matie wo nsɛm a woka kyerɛɛ me no,
22
na wo nso tie w’afenaa, na ma memfa abodoo buprɛko mimmesi w’anim, na di, na woanya ahoɔden de asi wo kwan so akɔ.
23
Na wampene, kae sɛ: Merenni. Na ne nkoa ne ɔbea no nso hyɛɛ no, na otiee wɔn, na ɔsɔre fii fam tenaa mpa so.
24
Nso ɔbea no wɔ nantwi ba a wadɔ ofie hɔ, na ɔyɛɛ ntɛm kum no, na ɔfaa asikresam fɔtɔwee, na ɔde too apiti;
25
na ɔde besii Saul ne ne nkoa no anim na wodii; na wɔsɔre siim kɔe anadwo no.
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 29 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31