bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Exodus 17
Exodus 17
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 18 →
1
Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ.
2
Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?
3
Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi?
4
Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ.
5
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ.
6
Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim.
7
Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba.
8
Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.
9
Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam.
10
Na Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no, ne Amalek kɔkoe, na Mose, Aaron ne Hur foroo kokoɔ no kɔɔ atifi.
11
Na sɛ Mose ma ne nsa so a, Israel di nim, na sɛ ɔgyaa ne nsam a, Amalek di nim.
12
Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔboɔ de too n’ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur sosɔɔ ne nsa no mu, ɔbaako wɔ ha, na ɔbaako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kɔsii sɛ owia tɔeɛ.
13
Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano.
14
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so.
15
Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa),
16
na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40