bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Exodus 37
Exodus 37
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 38 →
1
Na Besalel de okuo yɛɛ adaka no, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.
2
Na ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho, na ɔyɛɛ sika hankra twaa ho hyiae.
3
Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan de tuatuaa ne nan nnan no ho, nkaa mmienu wɔ ɔfa ha, na nkaa mmienu wɔ ɔfa ha.
4
Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.
5
Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu, adaka no nkyɛn mu, na wɔde asoa adaka no.
6
Na ɔde sika amapa yɛɛ mpata adwa no, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.
7
Na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ sika kerubim mmienu maa no firi mpata adwa no tiri mmienu no mu.
8
Ɔyɛɛ kerub baako wɔ etire ha, na ɔyɛɛ kerub baako nso wɔ etire ha; mpata adwa no mu na ɔmaa kerubim no firii ne tiri mmienu no soɔ.
9
Na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata adwa no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na wɔn anim kyerɛkyerɛ mpata adwa no so.
10
Na ɔde okuo yɛɛ ɛpono no, ne tentene basafa baako, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn baako ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.
11
Na ɔde sika amapa duraa ho, na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae.
12
Na ɔyɛɛ ɛho mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ te sɛ nsam hyiae, na ɔyɛɛ mfemfamho no ho sika hankra hyiae.
13
Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan, na ɔde nkaa no sisii ntwea nnan a ɛwɔ ne nan nnan ho no so.
14
Mfemfamho no ase pa ara na nkaa a ɛyɛ mpoma a wɔde bɛsoa ɛpono no wurabea no wɔ.
15
Na ɔde okuo senee mpoma no, na ɔde sika duraduraa ho, na wɔde asoa ɛpono no.
16
Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛpono no so nnoɔma, ne nyowa ne ne nyowaa ne ne nkuruwa ne ne nkoraa a wɔde bɛhwie.
17
Na ɔde sika amapa a wɔaboro na wɔde yɛɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho kuruwa, ne kukuduuduu ne ne nhwiren firi ɛno ara mu.
18
Na nsa nsia tuatua ho, kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha.
19
Nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren: Saa ara na ɛteɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho.
20
Na kaneadua no ho nkuruwa a ɛte sɛ sorɔno deɛ no yɛ nnan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren;
21
na kukuduuduu no wowɔ nsa mmienu mmienu a ɛtuatua ho no ase, nsa nsia a ɛtuatua ho no ase.
22
Ne kukuduuduu ne ne nsa no tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaborɔ bafua.
23
Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa.
24
Sika amapa dwetikɛseɛ baako na ɔde yɛeɛ ɛne ɛho nnoɔma no nyinaa.
25
Na ɔde okuo yɛɛ aduhwamhyeɛ no afɔrebukyia, ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn baako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara.
26
Na ɔde sika amapa duraa ho, ɛso ne ɛho hyiae, ne ne mmɛn no; na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae.
27
Na ɔyɛɛ ɛho sika nkaa mmienu, wɔ ne hankra no ase, ne nkyɛn mu mmienu no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no wurabea na wɔde asoa.
28
Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.
29
Na ɔyɛɛ sra ngo kronkron ne ɛhyeɛ aduhwam korɔgyenn no, sɛdeɛ odufrafoɔ fra no.
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 38 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40