bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Exodus 18
Exodus 18
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 19 →
1
Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no.
2
Na Yetro, Mose ase no, faa Mose yere Sipora a wama no asane korɔ no
3
ne ne mmabanin baanu no, ɔbaako din de Gersom, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mayɛ amannɔne hɔhoɔ),
4
na ɔbaako no nso din de Eliesa, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: M’agya Nyankopɔn ne me boafoɔ, na wayi me afiri Farao nkrantɛ ano).
5
Na Yetro, Mose ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a wabɛkyere nsraban hɔ, Nyankopɔn bepɔ no ho.
6
Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w’ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn.
7
Na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔkotoo no fee n’ano, na wɔkyeakyeaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntomadan mu.
8
Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.
9
Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ ɔyii wɔn firii Misraimfoɔ nsam no nyinaa ho.
10
Na Yetro kaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a ɔyii mo firii Misraimfoɔ ne Farao nsam no.
11
Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.
12
Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.
13
Na adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔresiesie ɔmanfoɔ no ntam asɛm; na ɔman no gyinaa Mose ho firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.
14
Na Mose ase no hunuu deɛ ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ woreyɛ ɔman no yi? Adɛn nti na wo nko ara wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho firi anɔpa abɛduru anwummerɛ yi?
15
Na Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ.
16
Sɛ wɔnya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mesiesie onipa ne ne yɔnko ntam, na mekyerɛ wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne ne mmara.
17
Na Mose ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Deɛ woyɛ yi nyɛ.
18
Brɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma yi yɛ den dodo ma wo, na wo nko ara rentumi nyɛ.
19
Afei tie me nne, mɛtu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi: Wo deɛ, gyina Nyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,
20
na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara ahodoɔ no mu, na ma wɔnhunu kwan ko a wɔmfa soɔ ne deɛ wɔnyɛ.
21
Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.
22
Na wɔnsiesie ɔman no mu nsɛm berɛ nyinaa mu; na asɛnkɛseɛ biara deɛ, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa deɛ, wɔn ara wɔnni, na ama no ayɛ wo so hare, na wɔne wo asɔ mu.
23
Sɛ woyɛ yei sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛ wo yi a, ɛno na wobɛtumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo.
24
Ɛnna Mose tiee n’ase asɛm no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa.
25
Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin.
26
Na wɔsiesie ɔman no mu nsɛm nyinaa, na nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa deɛ, wɔn ara dii.
27
Na Mose kɔgyaa n’ase kwan, na ɔkɔɔ ɔno ara n’asase so.
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 19 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40