bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Numbers 12
Numbers 12
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 13 →
1
Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni bea, efisɛ na waware Kusni bea bi.
2
Na wɔkae sɛ: So Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa? Na AWURADE tee.
3
Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.
4
Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ: Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa mumfi adi mmra ahyiae ntamadan no ho.
5
Na wɔn baasa no fii adi. Na AWURADE sianee omununkum dum mu begyinaa ntamadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu fii adi.
6
Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no:
7
ɛnyɛ sɛ m'akoa Mose te ne no, Ɔno na mede me fi nyinaa ahyɛ ne nsa;
8
ano ne ano na me ne no de kasa ohu mu, na ɛnyɛ mmebu mu, na ohu AWURADE suban: na ɛdɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa m'akoa Mose?
9
Na AWURADE bo fuw wɔn, na osiim kɔe.
10
Na omununkum no fii ntamadan no so, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛma. Na Aaron dan n'ani hwɛɛ Miriam, no hwɛ, na wayare kwata.
11
Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mepa wo kyɛw, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so.
12
Mma ɔnnyɛ sɛ funu a ofi ne na yam bae na ne honam fa asɛe dedaw.
13
Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O, Onyankopɔn ee, sa no yare ɛ!
14
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n'agya hinam n'ani so ntasu teta po a, anka n'ani renwu nnanson anaa? Wɔnto ne mu nnanson nsra no akyi, na ɛno akyi ansa na wɔmfa no mmra mu bio.
15
Na wɔtoo Miriam mu nsra no akyi nnanson. Na ɔman no antu kosii sɛ wɔde Miriam baa mu bio.
16
Na ɛno akyi no, ɔman no tu fii Haserot, na wɔkɔbɔɔ nsra Paran sare so.
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 13 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36