bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Numbers 25
Numbers 25
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 26 →
1
Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman;
2
na wohyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduan ho; na ɔman no dii na wɔsɔree wɔn anyame no;
3
na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuw Israel;
4
na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitiriw no nyinaa, na sensɛn wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyew no nsan mfi Israel so.
5
Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no sɛ: Munkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no.
6
Na hwɛ, ɔbarima bi fi Israelfo no mu bae a ɔde Midianni bea bi baa ne nuanom nkyɛn, Mose aniso ne Israelfo asafo no nyinaa aniso; ɛbere a wɔn de, wɔresu ahyiae ntamadan no ano.
7
Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas hui no, ɔsɔre fii asafo no mu kɔfaa peaw kurae,
8
na odii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbea no nyinaa hwirew n'ayaase; na ɔhaw no to twae fii Israelfo no so.
9
Na nnipa a wowuwui ɔhaw no mu ano si ɔpeduonu anan.
10
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
11
Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas asianka m'abufuw afi Israelfo so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu, a enti manhyew Israelfo wɔ me ninkuntwe mu.
12
Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m'asomdwoe apam merema no,
13
na ayɛ ɔno ne n'asefo a wɔbɛba n'akyi no daa asɔfodi apam, efisɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfo.
14
Na Israelni a wokum no, ne Midianni bea no din ne: Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfo mpanyimfi mu bapɔmma.
15
Na Midianni bea a wokum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfo mu mpanyimfi so man panyin no ba.
16
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
17
Munhiahia Midianfo ho na munkum wɔn,
18
esiane sɛ wɔn nso wɔn anifere a wɔde ahiahia mo ho, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabea Kosbi, Midian safohene no ba a wokum no da a Peor ho haw no bae no nti.
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 26 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36