bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Numbers 30
Numbers 30
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 31 →
1
Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo mmusuakuw no so atitiriw sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE ahyɛ
2
Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra ade bi a, ommmu n'asɛm so; nea efi n'anom nyinaa, ɔnyɛ.
3
Na sɛ ɔbea bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi n'agya fi, wɔ ne mmabaabere mu,
4
na n'agya te ne bɔhyɛ no ne n'ahotua a ɔde tua ne kra biribi no, na n'agya yɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no gyina hɔ.
5
Na sɛ da a n'agya bɛte no wampene a, ɛnne ne bɔhyɛ nyinaa ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; na AWURADE de bɛkyɛ no, efisɛ n'agya ampene.
6
Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa nea afi n'anom a ɔde atua ne kra biribi no da no so,
7
na ne kunu te, na da a ɔte no ɔyɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na otua a ɔde atua ne kra biribi no gyina hɔ.
8
Na sɛ da a ne kunu te no, wampene a, na wasan ne bɔhyɛ a ɛda no so ne nea efii n'anom a ɔde tuaa ne kra biribi no, na AWURADE de bɛkyɛ no.
9
Na ɔbea kunafo anaa nea wɔako no bɔhyɛ de, ade biara a otua ne kra no da no so.
10
Na sɛ ne kunu fi na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi,
11
na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na ade biara a watua ne kra no gyina hɔ.
12
Nanso sɛ ne kunu san no da a ɔtee no a, ɛnne ade biara a afi n'anom a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; ne kunu asan, na AWURADE de bɛkyɛ no.
13
Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma ennyina hɔ na ne kunu na ɔnsan;
14
na sɛ ne kunu no nka ho hwee daa a, wahyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n'ahotua no nyinaa mu den, efisɛ da a ɔtee no, wanka ho hwee;
15
na sɛ ɔtee no akyi ansa na ɔresan a, ɛnne ɔnsoa ne yere amumɔyɛ.
16
Eyinom ne ahyɛde a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babea a ɔwɔ ne mmabaabere mu, n'agya fi ntam.
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 31 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36