bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Numbers 17
Numbers 17
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 18 →
1
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2
Kasa kyerɛ Israelfo no, na gyigye wɔn hɔ wɔn mpanyimfi so mpoma mmiako mmiako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no, na kyerɛkyerɛw wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so;
3
Aaron din na kyerɛw hyɛ Lewi poma so; efisɛ poma biara yɛ mpanyimfi biara so otitiriw no de.
4
Na gyaw gu ahyiae ntamadan no mu, Adanse no anim, nea me ne mo hyia hɔ no.
5
Na ɔbarima a meyi no no poma bɛfefɛw, na mama me ho anwiinwii a Israelfo nwiinwii hyɛ mo no agyae.
6
Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa momaa no mpoma mmiako mmiako; mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.
7
Na Mose gyaw mpoma no guu AWURADE anim, adanse ntamadan no mu.
8
Na ade kyee a Mose kɔɔ adanse ntamadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fi de no afefɛw ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na asow amandola aba abere.
9
Na Mose tasee mpoma no nyinaa de fi AWURADE anim fii adi brɛɛ Israelfo no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma.
10
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no san bra Adanse no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma asoɔdenfo no, na woatwa wɔn anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no to, na wɔanwuwu.
11
Na Mose yɛɛ sa. Sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛe.
12
Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!
13
Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: so yɛn nyinaa nwie sa?
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36