bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Ezekiel 19
Ezekiel 19
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 20 →
1
Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom
2
na ka sɛ: Adɛn na wo na, gyatabereɛ no butu agyatanini ntam yɛne ne mma gyataburuwa mu?
3
Na ɔyɛnee ne mma mu baako, ɔyɛɛ gyataburuwa na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam,
4
na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn amena mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so.
5
Na ne na hunuu sɛ watwɛn, nanso n’anidasoɔ ayera no, ɔfaa ne mma mu bi de no yɛɛ gyataburuwa.
6
Na ɔnenam agyata mu no, ɔyɛɛ gyataburuwa, na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam.
7
Na ɔhunuu wɔn akunafoɔ, na ɔbobɔɔ wɔn nkuro, na ne mmobomu gyegyeegye nti, asase no ne ne mayɛ sɛee.
8
Ɛnna amanaman a wɔfiri nsase soɔ no ba bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔde wɔn asau trɛɛ ne so, wɔkyeree no wɔ wɔn amena mu,
9
na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ ebuo mu, na wɔde no kɔmaa Babel hene, na wɔde no siee abankɛseɛ mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔnte ne nne bio wɔ Israel mmepɔ soɔ.
10
Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛ no nsuo ho, nsuo pii nti n’aba ne ne mman baa yie.
11
Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahemfo mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn kɔduruu mununkum kusuu ntam, na wɔhunuu no ne korɔn mu, ne ne mman dodoɔ mu.
12
Na wɔtuu no anibereɛ so too no hwee fam, na apueeɛ mframa kusaa n’aba no; ne mpoma a na ɛyɛ den no bubui na ɛtwintwamee, na ogya hyee.
13
Na afei wɔatɛ no ɛserɛ so, asase pɛsɛɛ a ɛdi sukɔm so.
14
Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu ahye n’aba, na poma a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio. Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 20 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48