bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Ezekiel 25
Ezekiel 25
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 26 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfoɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn.
3
Na ka kyerɛ Amonfoɔ no sɛ: Montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka sɛ: Wiɛ, sɛ me kronkronbea ho agu fi, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda fie ho nso, sɛ wɔkɔ tukorɔ mu nti,
4
hwɛ, mereyi wo ama apueeɛfoɔ sɛ wɔmfa wo nni, na wɔnkyere wɔn nsraban wo mu, na wɔnsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wɔbɛdi w’aba, na wɔn ara anom wo nufosuo;
5
na mede Raba bɛyɛ yoma adan, na Amonfoɔ asase ayɛ nnwan butubea, na moahunu sɛ mene AWURADE.
6
Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woabɔ wo nsamu na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama w’akoma atɔ wo yam atia Israel asase nti,
7
hwɛ, meretene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ amanaman asadeɛ, na matwa wo afiri aman mu, na asɛe wo afiri aman mu, na madwerɛ wo, na woahunu sɛ mene AWURADE.
8
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fie ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti,
9
hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afiri nkuro no so, nkuro a ɛdeda n’ahyeɛ so ho, asase a ɛyɛ no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim,
10
mede mama apueeɛ mma apae Amonfoɔ deɛ no so, na mama wɔafa adi wɔn so, deɛ ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfoɔ bio aman mu,
11
na mɛyɛ Moab mu atemmudeɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
12
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Edom atɔ Yuda fie so were na wɔadi so pa ara, na wanhunu wɔn mmɔbɔ nti,
13
sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afiri Teman, na wɔatotɔ nkrantɛ ano akɔduru Dedan.
14
Na mede me man Israel nsa bɛwie m’aweretɔ Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuo ne m’anibereɛ so, na wɔahunu m’aweretɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
15
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Filistifoɔ atɔ ne so were, na wɔde abufuo kɛseɛ atɔ wɔn so were sɛ wɔde daa ɔtane bɛsɛe wɔn no nti,
16
sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meretene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no, na masɛe deɛ aka mpoano no.
17
Na mede abufuhyeɛ kɛse bɛtɔ wɔn so were, na me were a mɛtɔ wɔn soɔ no mu wɔahunu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 26 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48