bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Ezekiel 24
Ezekiel 24
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 25 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ:
2
Onipa ba, twerɛ da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara.
3
Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Fa ɛsɛn no si so, na hwie nsuo nso gu mu.
4
Fa ne nankum nso gu mu, nankum pa nyinaa, srɛ ne basa, nnompe a ɛyɛ nyinaa, na fa hyɛ mu ma;
5
fa nnwan no mu deɛ ɔyɛ no, na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase ma no nhuru yie, na ne nnompe nso mmen wɔ mu.
6
Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogya kuro! Ɛsɛn a emu awe nnaakyen a ne nnaakyen mfiri ne mu. Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum. Wɔnnyiyi mu.
7
Na ne mogya wɔ ne mu; waka agu ɔbotan kwawee so, wanhwie angu fam, na wɔde dɔteɛ akata so.
8
Deɛ ɛbɛyɛ na ahwanyan anibereɛ na ama aweredie aba nti, na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa soɔ, a wɔankata soɔ yi.
9
Saa nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogyahwiegu kuro! Me nso mɛma aseɛ mmaboa adɔɔso.
10
Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛre, ma nam no nhono, nu mu ma no mpi na nnompe no nhye.
11
Na fa ɛsɛn no mpan si nsramma no so, deɛ ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ ayɛ kɔɔ, na emu fi no anane na ne nnaakyen asa.
12
Brɛ ara na mabrɛ agu, ɛfiri sɛ ogya rentumi nhye ne nnaakyen pii no mfiri ne ho nkɔ.
13
Wo fi mu wɔ abusudeɛ; sɛ matwi wo ho na amfire nti, wo ho rente mfiri wo fi no mu bio, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma m’abufuhyeɛ ano adwo wo soɔ.
14
Me, AWURADE, na maka. Ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merennodo ho, na merennu me ho; sɛdeɛ w’akwan teɛ ne sɛdeɛ wo nneyɛɛ teɛ no, saa ara na wɔbɛbu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
15
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
16
Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’ani adeɛ a ɛpɛ no afiri wo ho. Na ntwa adwo, nsu, na mma wo nisuo nkyi.
17
Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane.
18
Na mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ, na anɔpa meyɛɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no.
19
Na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Worenkyerɛ yɛn adekodeɛ a yeinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa?
20
Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21
Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.
22
Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduane,
23
na mo abotire bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo nan. Morentwa adwo na morensu, na mode awerɛhoɔ bɛhunu amane wɔ mo amumuyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho.
24
Na Hesekiel ayɛ mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ no berɛ a ɛbɛba mu no, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.
25
Na wo, onipa ba, ɛda no ara a mɛgye wɔn nsam ahoɔden, wɔn ahyehyɛdeɛ ho ahosɛpɛ, wɔn ani adeɛ a ɛpɛ ne wɔn kra adeɛ a ɛpɛ, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa no,
26
da no ara na deɛ wafiri mu afire bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ateɛ.
27
Ɛda no ara na wo ne deɛ wafiri mu afire no ano bɛbue, na wobɛkasa na worentɔre mum bio, na wobɛyɛ wɔn nsɛnkyerɛnneɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 25 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48