bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Ezekiel 30
Ezekiel 30
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 31 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no!
3
Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, mununkum da, ɛbɛyɛ amanaman berɛ.
4
Na nkrantɛ bɛba Misraim so, na nketenkete akuta Etiopia, ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ na wɔredwiri ne nnyinasoɔ.
5
Etiopia, Put, Lidia ne afrafrafoɔ dɔm nyinaa ne Kub a wɔne wɔn wɔ apam no nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano.
6
Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔn a wɔboa Misraim bɛtotɔ, na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase. Ɛfiri Migdol kɔsi Siene wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,
7
na wɔayɛ pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro afra nkuro afoafo mu,
8
na wɔahunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mɛsɔ ogya Misraim na wɔasɛe n’aboafoɔ nyinaa no.
9
Ɛda no, abɔfoɔ bɛfiri m’anim afiri adi, ahyɛne mu, akɔma Etiopiafoɔ wɔn a wɔwɔ hɔ anibiannasoɔ mu no abɔ binim, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.
10
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mede Babelhene Nebukadnessar nsa bɛtwa Misraim asafo yuu no so.
11
Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman aniɛdenfoɔ no, wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no, na wɔatwetwe wɔn nkrantɛ atia Misraim, na wɔde atɔfoɔ ahyɛ asase no ma.
12
Na mɛma Nil ne nsubɔntene no awewe, na matɔn asase no ahyɛ abɔnefoɔ nsa, na mede ananafoɔ nsa mayɛ asase no ne ne mayɛ pasaa; me AWURADE, na maka.
13
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛsɛe ahoni huhuo no na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis, na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.
14
Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmudeɛ wɔ Tebes,
15
na mahwie m’abufuhyeɛ agu Pelusium, ne Misraim aban a ɛyɛ den no so, na Tebes asafo yuu no matwa so.
16
Na mɛto Misraim mu gya. Pelusium bɛhunu ayayadeɛ, na wɔde Tebes bɛma wɔabu n’afasuo afa mu, na Memfis bɛhunu ahohiahiafoɔ awia,
17
On ne Pi-beset mmeranteɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano, na mmaa no akɔ nnommumfa mu.
18
Tehafnehes nso, ɛda no bɛduru sum, sɛ merebubu Misraim kɔnnua wɔ hɔ, na n’ahoɔden ahantan to bɛtwa wɔ ne mu, na mununkum bɛkata ne so, na ne mmammaa akɔ nnommumfa mu.
19
Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
20
Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so nson no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21
Onipa ba, Misraimhene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntomaban rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi asɔ nkrantɛ mu.
22
Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne Misraimhene Farao anya, na merebɛbu n’abasa no, deɛ ɛyɛ den ne deɛ abuo no, na mama nkrantɛ no afiri ne nsa atɔ fam;
23
na mɛbɔ Misraimfoɔ apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so.
24
Na mɛhyɛ Babel hene abasa mu den, na mede ne nkrantɛ ahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtofoɔ pene n’anim.
25
Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa mu ago, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na mede me nkrantɛ merehyɛ Babel hene nsa, na watene no Misraim asase so;
26
na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 31 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48