bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Ezekiel 7
Ezekiel 7
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 8 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ.
3
Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.
4
Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.
5
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Adebɔne, adebɔne baako bi, hwɛ, ɛreba!
6
Awieeɛ aba, awieeɛ no aba, asɔre atia wo, hwɛ ɛreba!
7
Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no reba wo so; ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn, hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro!
8
Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so, na mawie m’abufuo wo mu, na mabu wo w’akwan ho atɛn, na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.
9
Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ; w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.
10
Hwɛ, ɛda no nie, hwɛ, ɛreba; deɛ wɔahyɛ no refifi, aban no refefɛ, ahantan no ahanehane.
11
Atiritirasɛm asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa; wɔn ne wɔn asafo yuu ne wɔn hooyɛ no mu hwee nka, na yie biara nni wɔn mu.
12
Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;
13
na ɔdetɔnni, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensane mma deɛ watɔn no ho, na adehunu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensane, na obiara remfa n’amumuyɛ nhyɛ ne nkwa mu den.
14
Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ, nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.
15
Nkrantɛ wɔ mfikyire, na owuyadeɛ ne ɛkɔm wɔ efie. Deɛ ɔwɔ wiram bɛwu nkrantɛ ano, na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛkum no.
16
Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini, obiara n’amumuyɛ ho.
17
Nsa nyinaa mu bɛgogo, na nkotodwe nyinaa ahono sɛ nsuo;
18
na wɔafirafira ayitoma, na awɔse agu wɔn so; na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa.
19
Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so, na wɔn sika adane sɛ sumina; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua.
20
Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.
21
Na mede bɛhyɛ ananafoɔ nsa, na wɔafom, ne asase so abɔnefoɔ nsa, na ayɛ wɔn asadeɛ, na wɔagu ho fi.
22
Na mɛdane m’ani afiri wɔn so, na wɔagu m’akoradeɛ ho fi, na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu agu ho fi.
23
Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma, na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;
24
enti mede amanaman nnipa bɔne bɛba, na wɔbɛfa wɔn afiafi afa, na mɛtwa ahoɔdenfoɔ ahantan to ma wɔagu wɔn akronkronneɛ ho fi.
25
Ɔsɛeɛ reba; na wɔhwehwɛ asomdwoeɛ, nso ebi nni hɔ.
26
Mmusuo pae mmusuo so, akwansosɛm pae akwansosɛm so. Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu, na mmara bɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo bɔ mpanimfoɔ.
27
Ɔhene di abooboo, na ɔberempɔn fira ahodwirie, na asase no so aman aba mu abu. Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 8 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48