bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Jeremiah 15
Jeremiah 15
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 16 →
1
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!
2
Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu, na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano, na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu, na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.
3
Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.
4
Na mɛma wɔadwane wɔn ho, asase so ahennie nyinaa mu, Yudahene Manase a ɔyɛ Hesekia ba, ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no nti.
5
Na hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, Yerusalem? Na hwan na ɔbɛma wo due? Na hwan na ɔbɛmane akɔbisa deɛ w’asomdwoeɛ no wɔ?
6
Woapa me, AWURADE asɛm nie, na wo nsaneakyire no kɔ so ara; enti na metenee me nsa wo soɔ, na mesɛee woɔ. Mabrɛ ne mmɔborɔhunu.
7
Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so, asase no mmoboano, makunkum wɔn mma, masɛe me man a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.
8
Mama wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea, mede ɔsɛefoɔ maba mmeranteɛ no so awia ketee, mama binimbɔ ne nketenkete agu wɔn so mpofirim;
9
ɔbaa a wawo nson ahodwo, watɔ piti; adeɛ nnya nsaeɛ no, na n’awia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na mɛyi wɔn nkaeɛ mama afena, wɔn atamfoɔ anim, AWURADE asɛm nie.
10
Mennue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham, yiyi atɛn. Memfɛm nnyee mfɛntomu na obiara mfɛm me bi, nanso wɔn nyinaa dome me.
11
AWURADE se: Ampa ara, mɛgye wo ama no ayɛ yie, ampa ara, mɛma ɔtamfoɔ abɛpa wo kyɛw, berɛ bɔne ne ahohiahia berɛ mu.
12
Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bɛtumi abu dadeɛ a ɛfiri atifi fam anaa?
13
Mɛma wɔafom mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ no mo asase no nyinaa soɔ no nyinaa nti;
14
na mɛma mo ne mo atamfoɔ no asene akɔ asase bi a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ ogya bi asɔ m’abufuo mu a ɛbɛdɛre mo soɔ.
15
Wo, AWURADE, wonim. Kae me na bɛhwɛ me, na tɔ were ma me, m’atifoɔ so; wo bo a ɛkyɛre fuo no nti mfa me nkɔ; hunu sɛ wo nti na mesoa ahohora.
16
Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.
17
Mantena aserefoɔ dwabɔ mu manni ahurisie; wo nsa nti, me nko na metenaeɛ, ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma.
18
Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi, na me kuro ayɛ nkudaa a wɔsa a, ɛnsa yi? Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ a ɛnnyina ama me anaa?
19
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba; na woabɛgyina m’anim; na sɛ woka nyansasɛm daa a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn, na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn.
20
Na mede wo bɛsi hɔ mama ɔman yi sɛ kɔbere mfrafraeɛ fasuo denden, na wɔne wo ko a, wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ me na medi w’akyire na magye wo na mayi wo, AWURADE asɛm nie.
21
Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam, na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 16 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52