bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Jeremiah 18
Jeremiah 18
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 19 →
1
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie:
2
Sɔre siane kɔ ɔnwonfoɔ fie, na mɛma woate me nsɛm hɔ.
3
Ɛnna mesiane kɔɔ ɔnwomfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ n’aboɔ so adwuma.
4
Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade foforɔ, sɛdeɛ ɛtene ɔnwomfoɔ no ani soɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
5
Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
6
Merentumi nyɛ mo, Israel fie, sɛ ɔnwomfoɔ yi anaa? AWURADE asɛm nie. Hwɛ, sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsam no, saa ara na mo, Israel fie, nso moteɛ wɔ me nsam.
7
Sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mɛtu na madwerɛ na masɛe no,
8
na sɛ ɔman no sane firi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnneɛ mɛnu me ho adebɔne a mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no ho.
9
Na sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mede bɛsi hɔ na matɛ.
10
Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne, antie me a, ɛnneɛ mɛnu me ho, yie a mekaa sɛ mɛyɛ wɔn no ho.
11
Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene mo ho bɔne, na mapam mo ho apam. Mo nyinaa monsane mo akyi mfiri mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie ɛ!
12
Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yɛbɛdi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn akoma bɔne denyɛ no ho adeɛ.
13
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔbisa amanaman no mu ɛ, hwan na wate saa adeɛ yi bi pɛn? Ahodwirideɛ pa ara na Israel ababaa no ayɛ.
14
Lebanon sukyerɛmma pa Sirion abotan no so? Amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsene no bɛwe anaa?
15
Na me man werɛ afiri me, wɔahye aduhwam ama abosom hunu, na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so, wɔ teteete atempɔn so, sɛ wɔnnante akwan a ɛnyɛ akwammɔeɛ so.
16
Sɛ wɔnnane wɔn asase no amamfo ne daa fɛdie adeɛ. Obiara a ɔbɛtwam hɔnom no ho bɛdwiri no, na wawoso ne ti.
17
Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa mabɔ wɔn mapete wɔn atamfoɔ anim, m’akyiri mmom, na ɛnyɛ m’anim, na mede bɛkyerɛ wɔn, wɔn sɛeɛ da no.
18
Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.
19
Yɛ aso ma me ɛ, O AWURADE, na tie wɔn a wɔne me ham no.
20
Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa? Nso wɔatu amena ama me kra. Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim sɛ meresrɛ papa ama wɔn, sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no.
21
Enti yiyi wɔn mma ma ɛkɔm, na yi wɔn to afena ano, na wɔn yerenom nni mmasugya na wɔnnanedane akunafoɔ, na owuyadeɛ nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afena nkum wɔn mmeranteɛ ɛdɔm ano.
22
Ma wɔnte esu nka mfiri wɔn afie mu, berɛ a wode asafo bi bɛba wɔn so mpofirim no, ɛfiri sɛ wɔabɔ amena sɛ wɔde reyi me, na wasunsum me nan fidie.
23
Na wo, AWURADE, wonim wɔn agyina a wɔkɔ no me ho repɛ me wuo no nyinaa. Nkata wɔn amumuyɛ so, na mpepa wɔn bɔne mfiri w’anim, ma wɔnhwehwe ase w’anim; w’abufuo berɛ mu na ɛne wɔn nnie.
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 19 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52