bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Jeremiah 8
Jeremiah 8
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 9 →
1
Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, wɔbɛsa Yuda ahemfo nnompe, n’asafohene nnompe, asɔfoɔ nnompe, adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu,
2
na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyiri kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano, na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina wɔ asase ani.
3
Na abusua bɔne yi mu nkaeɛ a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owuo asene nkwa, wɔ baabiara a metuu wɔn mekɔeɛ no, asafo AWURADE asɛm nie.
4
Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔhwe ase a, wɔnsan nsɔre bio anaa? Anaasɛ wɔmane kɔ a, wɔnsane mma?
5
Ɛdeɛn nti na Yerusalem man yi amane a wɔnsane da? Wɔkura nnaadaa kwan mu pintinn, wɔmpɛ sɛ wɔsane ba.
6
Mawɛn m’aso matie, nso deɛ ɛntene na wɔka. Obiara nni hɔ a ɔnu ne ho wɔ ne bɔne ho ka sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.
7
Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo nim ne berɛ, anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma wɛn wɔn ba berɛ, nanso me man deɛ wɔnnim AWURADE ahyɛdeɛ.
8
Nanso na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafoɔ, AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ? Ampa, hwɛ, atwerɛfoɔ pɛnsere torofoɔ ama no adane atorɔ.
9
Anyansafoɔ ani bɛwu, wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?
10
Ɛno nti mede wɔn yerenom bɛma afoforɔ, na mama ahɔhoɔ afa wɔn mfuo atena so, ɛfiri sɛ ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.
11
Na wɔsaa me man kuro adwenhare so sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ.
12
Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ.
13
Berɛ a mɛsesa wɔn akorɔ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenhunu esia esia bobe ho, anaa borɔdɔma wɔ borɔdɔma nnua so, na ahahan mpo adwinnwan, na deɛ mede memaa wɔn no afiri wɔn nsa.
14
Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.
15
Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nso biribi pa biara amma, ne ɔyaresa berɛ nso, na hwɛ, akomatuo nko.
16
Wɔte wɔn apɔnkɔ home foofoo firi Dan. Wɔn apɔnkɔnini su dede nti asase no nyinaa woso; ɛfiri sɛ wɔreba abɛdi asase ne ɛso adeɛ nyinaa, nkuro ne wɔn a wɔte mu.
17
Na hwɛ, merema awɔ, nhuritia a ntafowayie biara ntumi wɔn aba mo mu, na wɔabɛkeka mo, AWURADE asɛm nie.
18
Mennya m’awerɛhoɔ mu awerɛkyekyerɛ, m’akoma aboto wɔ me mu.
19
Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?
20
Twaberɛ atwam, aduabateɛberɛ asa, na yɛn deɛ, wɔnnyee yɛn.
21
Me man babaa kuro nti mayɛ siamoo, mayɛ kusuu, ahodwirie akuta me.
22
Aduhwam biara nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ? Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man babaa no yadeɛ?
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 9 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52