bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Jeremiah 35
Jeremiah 35
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 36 →
1
Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ soɔ nie:
2
Kɔ Rekabfoɔ fie, na ɛne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fie mpia no baako mu, na ma wɔn nsa nnom.
3
Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabfoɔ fiefoɔ nyinaa,
4
na mede wɔn baa AWURADE fie. Mekɔɔ Nyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpono ano hwɛfoɔ Salum ba Maaseia pia atifi no mu,
5
na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkoraa sisii Rekabfoɔ fie mma no anim, na mesee wɔn sɛ: Monnom nsa.
6
Na wɔse: Yerɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da.
7
Na monnsisi adan, na monnnua hwee, na monnyɛ bobeturo biara, na mommfa ebi nso nnyɛ mo deɛ; na ntomadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔhoɔ no so.
8
Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, deɛ ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu, yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa;
9
na yɛnsisi adan ntena mu, na yɛnni bobeturo ne afuo ne adeɛ a wɔdua biara,
10
na yɛtete ntomadan mu; na yɛtie na yɛyɛ sɛdeɛ yɛn agya Yonadab hyɛɛ yɛn no nyinaa.
11
Na Babelhene Nebukadnessar tu baa asase yi soɔ no, yɛkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfiri Kaldeafoɔ dɔm ne Siriafoɔ dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.
12
Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13
Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Morennye nkyerɛkyerɛ sɛ mobɛtie me nsɛm? AWURADE asɛm nie.
14
Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ wɔtie wɔn agya ahyɛdeɛ no. Na me deɛ, makasa makyerɛ mo, metua nhema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me.
15
Na masoma me nkoa, adiyifoɔ no, nyinaa aba mo nkyɛn, metua nhema mesoma wɔn sɛ: Monsane ɛ, mo nyinaa mfiri mo akwammɔne so, na monyɛ mo nneyɛɛ yie, na monnni anyame foforɔ akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.
16
Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi deɛ, wɔntie me.
17
Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a meka metiaa Yuda ne Yerusalemfoɔ no nyinaa mereba wɔn so, ɛsiane sɛ makasa akyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti.
18
Na Rekabfoɔ fie no deɛ, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛdeɛ, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,
19
sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Onipa a ɔbɛgyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 36 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52