bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Jeremiah 5
Jeremiah 5
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 4
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 6 →
1
Montu mmirika nkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔntene so, sɛ mobɛhunu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a ɔdi asɛntenenee, na ɔhwehwɛ nokorɛ, na memfa nkyɛ no.
2
Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi deɛ, nanso ntam hunu na wɔkeka.
3
O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.
4
Ɛnna mese: Yeinom yɛ mmɔborɔfoɔ, nkwaseafoɔ ne wɔn, ɛfiri sɛ wɔnnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara.
5
Mɛkɔ nnipa akɛseɛ nkyɛn makɔkasa akyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu.
6
Saa nti kwaeɛ mu gyata bɛkum wɔn, anwea pradada so pataku bɛsɛe wɔn, ɔsebɔ rewɛn wɔn nkuro ho. Obiara a ɔbɛfiri adie no, wɔbɛtete no asinasini. Na wɔn mmarato dɔɔso, na wɔn akyirisan no so.
7
Yei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ woɔ? Wo mma agya me, na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ntam. Na mema wɔmee mpo a, wɔsɛe awadeɛ ara, na wɔbɔ yuu kɔ nnwamamfoɔ fie.
8
Wɔte sɛ apɔnkɔnini abrane a wɔkɔ anwan, wɔpore wɔn hwene mu wɔ wɔn mfɛfoɔ yerenom ho.
9
Merentua yeinom so ka anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ merentɔ were ɔman a ɛte sɛɛ so anaa?
10
Momforo n’afasuo na monsɛe ne nyinaa, nanso monnsɛe no nnwie mompempane ne mman, na wɔnyɛ AWURADE dea.
11
Ɛfiri sɛ Israel fie ne Yuda fie atwa me nkontompo, AWURADE asɛm nie.
12
Wɔadi torɔ AWURADE ho aka sɛ: Ɔrenyɛ hwee. Na bɔne biara remma yɛn so, na yɛrenhunu afena anaa ɛkɔm.
13
Na adiyifoɔ no bɛdanedane mframa a asɛm biara nni wɔn anomu. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wɔn ne no.
14
Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka saa asɛm yi nti, hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anomu, na ɔman yi adane nnyina, na ogya ahye wɔn.
15
Hwɛ, mede ɔman bi mefiri akyirikyiri mereba mo so, Israel fie, AWURADE asɛm nie. Ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wɔfiri teteete, ɔman a wonnim wɔn kasa, na wonte deɛ wɔka no aseɛ.
16
Wɔn agyan kotokuo te sɛ damena a ano da hɔ, wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.
17
Na wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane; wɔbɛkum wo mmammarima ne wo mmammaa, na wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie, wɔbɛdi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afena abobɔ wo nkuro a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no.
18
Nanso saa nna no mu nso, AWURADE asɛm nie, merensɛe mo menwie.
19
Na sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ: Adɛn nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa adeɛ yi nyinaa a? Wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ moagya me, na moakɔsom amannɔne anyame mo asase soɔ no, saa ara nso na mobɛsom ahɔhoɔ, asase bi a ɛnyɛ mo deɛ soɔ.
20
Monka yei Yakob fie, na momma wɔnte no Yuda sɛ:
21
Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.
22
Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.
23
Na ɔman yi wɔ atuateɛ ne asoɔden akoma; wɔte atua, na wɔkɔ;
24
na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ: Momma yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma osuo tɔ wɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔsuo, ɔhwɛ twaberɛ nnapɛn a wahyɛ no so ma yɛn.
25
Mo amumuyɛ na ama yeinom adane, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo.
26
Ɛfiri sɛ wɔhunu abɔnefoɔ me man mu; wɔtetɛ sɛdeɛ nnomaayifoɔ butubutuo; wɔsunsum mfidie yiyi nnipa.
27
Sɛdeɛ nnomaa hyɛ kɛntɛn ma no, sɛ nsisie ayeyɛ wɔn afie mu ma ma ne no. Enti wɔayɛ akɛseɛ na wɔanya wɔn ho.
28
Wɔadodɔre sradeɛ, wɔn ho srasra. Nso wɔdi nsɛmmɔne tra so, wɔmmu atɛntenenee, wɔnni nwisiaa asɛm, na ama wɔadi yie; na ahiafoɔ nso wɔmmu atɛn mma wɔn.
29
Merentua yeinom so ka anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ merentɔ ɔman a ɛte sei so were?
30
Ahobodeɛ ne ahodwirideɛ na wɔayɛ no asase no soɔ.
31
Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?
← Chapter 4
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 6 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52