bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Deuteronomy 16
Deuteronomy 16
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 17 →
1
Hwɛ ɔsram Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo fii Misraim anadwo.
2
Enti kum Twam afɔre no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nguan ne anantwi, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena hɔ no.
3
Nni mmɔkaw nka ho; nnansɔn na di apiti, amanehunu abodoo, efisɛ ɔhare so na wufii Misraim asase so, na woakae wo Misraim asase so fi da no, wo nkwa nna nyinaa.
4
Na mma wonnhu mmɔkaw wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnansɔn; nso mma nam a wokum da a edi kan anwummere no bi nnka nnkosi adekyee.
5
Nkum Twam no wɔ nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no mu biara mu,
6
gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no, ɛhɔ na kum Twam no anwummere a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fi bere no mu;
7
na ma ɛmmen na di wɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na ade kye a, woasan akɔ wo ntamadan mu.
8
Nnansia na di apiti, na da a ɛto so ason no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara.
9
Adapɛn ason na kan fa; da a wɔrefi ase de kantankrankyi ahyɛ awi mu no na fi kan adapɛn asɔn;
10
na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamye afɔre sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo no;
11
na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no.
12
Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛde yi.
13
Di asese nnapɔnna nnansɔn, bere a woaboaboa w’awiporowbea ne wo nsa-kyi-amoa mu ade ano no;
14
na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo nkurow mu.
15
Nnansɔn na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a AWURADE ayi hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.
16
Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, AWURADE anim;
17
obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.
18
Sisi wo so atemmufo ne mpanyimfo, wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ wo mmusuakuw te no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no.
19
Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adammude; na ademmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw.
20
Asɛntrenee, asɛntrenee akyi na di, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no.
21
Ntɛw nnua biara mfa nyɛ Asera nnua wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka a worebesi no ho;
22
na mfa ɔbo dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyide ne no.
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 17 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34